Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 19:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Monhu me mmɔbɔ, monhu me mmɔbɔ, me yɔnkonom, na Nyankopɔn nsa aka me.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Monhu me mmɔbɔ, monhu me mmɔbɔ, me yɔnkonom, na Nyankopɔn nsa aka me.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 “Munhu me mmɔbɔ, me nnamfonom, munhu mmɔbɔ, na Onyankopɔn nsa abɔ me.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 “Monhunu me mmɔbɔ, me nnamfonom, monhunu mmɔbɔ, na Onyankopɔn nsa abɔ me.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Munhu me mmɔbɔ, munhu me mmɔbɔ, me yɔnkonom, na Onyankopɔn nsa aka me.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 19:21
13 Referencias Cruzadas  

Ɛnneɛ afei tene wo nsa ka deɛ ɔwɔ nyinaa hwɛ ɛ, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!


Na ɔbuaa no sɛ: Sɛdeɛ mmaa agyegyentwie no mu bi kasa na wokasa yi. Yɛagye Nyankopɔn hɔ adepa, na adebɔne na yɛrennye anaa? Yei nyinaa mu no Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne.


Na afei tene wo nsa na ka ne dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!


Na afei ɛtoo woɔ yi, woagyigya, ɛkaa woɔ yi, woabɔ nnyinnyen.


Deɛ ne home te no no, ɛsɛ no ne yɔnko nsam adɔeɛ; anyɛ saa a, ɔgyaa Otumfoɔ no suro.


na Otumfoɔ agyan tuatua me mu, me honhom renom emu borɔ, Nyankopɔn ahuyideɛ atwa me ho mpasua.


na w’agyan awowɔ me aka mu, na wo nsa aduru me so.


me nko me so na ɔdane ba, ɔdane ne nsa ba me so daa nyinaa.


Na afei, hwɛ, Awurade nsa da wo so, na w’ani bɛfira, na worenhunu owia, gye da bi. Na amonom hɔ ara kusukuukuu ne esum bɛduruu no so maa no kyini hwehwɛɛ obi a ɔbɛsɔ ne nsa akyerɛ ne kwan.


Mo ne anigyefoɔ ani nnye, na mo ne asufoɔ nsu.


Na sɛ kwaa baako hunu amane a, akwaa no nyinaa hunu bi; sɛ nso wɔhyɛ kwaa baako animuonyam a, akwaa no nyinaa ne no bom ani gye.


Monkae nneduafoɔ, sɛdeɛ mo ne wɔn na ɛda afiase, ne wɔn a wɔhunu amane biara, sɛ mo ara nso moda so wɔ honam mu yi.


mobɛtwɛn wɔn akɔsi sɛ wɔbɛnyini anaa? Mobɛtena hɔ a morenwareɛ anaa? Dabi, me mma, na me na awie me bɔne sene mo, ɛfiri sɛ AWURADE nsa afiri adi ne me adi no bɔne.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios