Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 18:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Ampa ara sɛdeɛ amumuyɛfoɔ tenabea teɛ ne no, ne deɛ ɔnnim Onyankopɔn no nso kyɛfa nie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Ampa ara sɛdeɛ amumuyɛfoɔ tenabea teɛ ne no, ne deɛ ɔnnim Onyankopɔn no nso kyɛfa nie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Ampa ara, sɛɛ na omumɔyɛfo atenae te; sɛɛ ne beae a nea onnim Onyankopɔn no te.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Ampa ara sei na omumuyɛfoɔ atenaeɛ teɛ; sei ne beaeɛ a deɛ ɔnnim Onyankopɔn teɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Ampa ara, sɛnea amumɔyɛfo tenabea te ni, na nea onnim Onyankopɔn no nso kyɛfa ni.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 18:21
16 Referencias Cruzadas  

Na wo, me ba Salomo, hunu w’agya Onyankopɔn no, na fa w’akoma nyinaa ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE peepee akoma nyinaa mu, na ɔhunu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no; na sɛ wogyaa no a, ɔbɛto wo atwene koraa.


Na Hiob gyee so sɛ:


Yei ne onipa ɔbɔnefoɔ kyɛfa a ɛfiri Nyankopɔn nkyɛn, ne n’agyapadeɛ a Onyankopɔn ahyɛ ama no no.


Nanso wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Firi yɛn so, na yɛnhwehwɛ w’akwan ho nimdeɛ.


sɛ moka sɛ: Ɛhe na bakoma no fie wɔ? Na ɛhe na ntomadan a abɔnefoɔ tenaa mu no wɔ?


Sɛ wɔtete wɔn ho ntomadan homa a, ɛnyɛ wuo na wɔwuo a wɔanhunu nyansa biara?


Hwie w’abufuo gu amanaman a wɔnni woɔ ne ahennie a wɔmmɔ wo din no so,


Na Farao se: Hwan ne AWURADE a mɛtie ne nne na mama Israel akorɔ? Mennim AWURADE no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ.


Ma w’abufuhyeɛ ngu amanaman a wɔnnim woɔ, ne nkurɔfoɔ a wɔmmɔ wo din no so, ɛfiri sɛ wɔatete Yakob mu, wɔatete ne mu amene no, na wɔayɛ ne tenabea no amamfo.


Na wɔkuntunu wɔn tɛkyerɛma de yɛ wɔn tadua atorɔ na ɛnyɛ nokorɛ na atim wɔ asase no so, na wɔfiri bɔne mu kɔ bɔne mu, na me deɛ, wɔnnim me, AWURADE asɛm nie.


Na sɛdeɛ wɔammu sɛ wɔbɛkura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ deɛ ɛmfata,


ɛnyɛ akɔnnɔ anibereɛ mu sɛ amanaman mufoɔ a wɔnnim Onyankopɔn no;


na watɔ wɔn a wɔnnim Onyankopɔn, na wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no so were.


Wɔka sɛ wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma po no. Wɔyɛ akyiwadeyɛfoɔ ne asoɔdenfoɔ, na wɔmfra mma adwuma pa biara.


Na wɔsiee awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa nso kaa wɔn agyanom ho, na awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ dii wɔn akyi sɔree, nnipa a wɔnnim AWURADE nneyɛɛ a ɔyɛ maa Israel no nso.


Na Eli mma no yɛ mma ahuhufoɔ; wɔmmu AWURADE.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios