Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 18:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Ehu bɛkuta no mmaa nyinaa ahyia, na ati no n’anammɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Ehu bɛkuta no mmaa nyinaa ahyia, na ati no n’anammɔn mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ahunahuna ma ɔbɔ huboa wɔ ne ho nyinaa na ɛhaw no wɔ nʼanammɔntu biara mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ahunahuna ma ɔbɔ huboa wɔ ne ho nyinaa na ɛha no wɔ nʼanammɔntuo biara mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Ehu bekita no mmaa nyinaa ahyia, na atiw no n’anammɔn mu.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 18:11
22 Referencias Cruzadas  

Ehu nkateɛ gyegye n’aso mu, asomdwoeɛ mpo mu na ɔsɛefoɔ ba ne soɔ.


Wɔde kantankoraa bɛhunta fam ama no, na wɔasum no fidie ɔkwan so.


Wɔbɛsum no afiri hann mu akɔ sum mu, na wɔapam no afiri wiase.


ɔtu firi ne honam mu na agyan no firi ne bɔnwoma mu a, owuo ho hu bɛtɔ ne so.


Ɔbɛtu akɔ sɛ daeɛ, na wɔrenhu no, na wɔbɛpamo no akɔ sɛ anadwo adehunu.


Enti na afidie atwa wo ho ahyia, na nketenkete yi wo hu mpofirim.


Ahuyideɛ fa no sɛ nsuo, anadwo na ahum wia no korɔ.


na Otumfoɔ agyan tuatua me mu, me honhom renom emu borɔ, Nyankopɔn ahuyideɛ atwa me ho mpasua.


Ɛno na wɔn ho popoeɛ, deɛ ahopopoɔ nnie hɔ, na Onyankopɔn petee wɔn a wɔbɔɔ wo so nsraban nnompe, woahyɛ wɔn aniwuo, na Onyankopɔn apa wɔn.


Hwɛ sɛ wɔadane sɛ amamfo seesei ara, ehu ama wɔawie sa.


Abɔnefoɔ dwane berɛ a obi mpamo wɔn, na teneneefoɔ deɛ, wɔyɛ nnam sɛ gyataburuwa.


mprɛ dodoɔ a ɛretwa mu no, ɛbɛfa mo, ɛfiri sɛ daa anɔpa, awia ne anadwo na ɛbɛtwam; na ɛho kaseɛ aseteɛ bɛyɛ ehu ara nko.


Ɛnam deɛn so na mehu wɔn sɛdeɛ wɔn akoma atuo na wɔadane wɔn akyire, na wɔn nnɔmmarima no, wɔabobɔ wɔn aguo, na dwane ara na wɔredwane na wɔnhwɛ wɔn akyiri yi? Ehu wɔ afa nyinaa, AWURADE asɛm nie;


Wɔn ntomadan ne wɔn nnwan, wɔbɛfa; wɔn nkuntu ne wɔn nnoɔma nyinaa ne wɔn yoma, wɔbɛtase akɔ, na wɔateam aka akyerɛ wɔn sɛ: Ehu wɔ afa nyinaa.


Mfiri adi nkɔ wiram, na nnante ɔkwan so; na ɔtamfoɔ kura afena, ehu atwa wo ho ahyia.


Ɛnna Ɔhene Belsasar ho yeraa no kɛse, na n’anim danee, na n’aberempɔn no tirim yɛɛ wɔn keserenee.


Na mo mu wɔn a wɔbɛka no, mɛma ehu aba wɔn akoma mu wɔ wɔn atamfoɔ nsase no so, na ahahan a ɛteɛ huuyɛ aka wɔn agu na wɔadwane sɛdeɛ obi dwane firi nkrantɛ ano na wɔatotɔ, berɛ a obi mpamo wɔn;


Na sɛ yɛnim Awurade ho hu nti, yɛkasa kyerɛ nnipa sɛ wɔnhu no saa, na Onyankopɔn deɛ, yɛada adi ama no; na m’ani da so sɛ, yɛada adi wɔ mo ahonim mu nso.


Na Saulo hunuu Filistifoɔ nsraban no no, ɔsuroeɛ, na n’akoma tuu papaapa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios