Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 15:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Ehu nkateɛ gyegye n’aso mu, asomdwoeɛ mpo mu na ɔsɛefoɔ ba ne soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Ehu nkateɛ gyegye n’aso mu, asomdwoeɛ mpo mu na ɔsɛefoɔ ba ne soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Nnyigyei a ɛyɛ hu hyɛ nʼasom ma; na sɛ ɛyɛ sɛ nneɛma rekɔ yiye ma no a, akorɔmfo tow hyɛ ne so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Nnyegyeɛ a ɛyɛ hu hyɛ nʼasom ma; na sɛ ɛyɛ sɛ nneɛma rekɔ yie ma no a, akorɔmfoɔ to hyɛ ne so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Ehu nkate gyigye n’asom, asomdwoe po mu na ɔsɛefo ba no so.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 15:21
25 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE ama Siriafoɔ dɔm ate nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne dɔm kɛseɛ nka, na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwɛ, Israel hene akɔgye Hetifoɔ ahemfo ne Misraim ahemfo adɔm atia yɛn sɛ wɔmmra yɛn so.


Na Ester se: Onipa ɔhohiahiafoɔ ne ɔtamfoɔ no ne saa Haman otirimuɔdenfoɔ yi. Ɛnna nketenkete kutaa Haman ɔhene ne ɔhemmaa no anim.


Ahohiahia ne ahokyere yi no hu, ɛtintim no sɛ ɔhene a wasiesie ne ho ama ɔko a ɛyɛ hu.


Ehu bɛkuta no mmaa nyinaa ahyia, na ati no n’anammɔn mu.


Wɔbɛtu n’anidasoɔ afiri ne ntomadan mu, na wɔde no akɔ ahudeɛ mu hene no nkyɛn.


Wannidi annya bi da, enti n’ahonyadeɛ rentena hɔ.


Enti na afidie atwa wo ho ahyia, na nketenkete yi wo hu mpofirim.


Na wɔn nyinaa, esum kabii yɛ wɔn sɛ anɔpa, ɛfiri sɛ wɔne esum kabii mu ahuyideɛ yɛ nnamfo.


Ahuyideɛ fa no sɛ nsuo, anadwo na ahum wia no korɔ.


Abɔnefoɔ fifiri sɛ ɛfan na amumuyɛfoɔ nyinaa si so sɛ nhwiren a, ɛne sɛ wɔbɛsɛe wɔn korakora.


Ɔbɔnefoɔ adeɛ a ɔsuro ara na ɛbɛba ne soɔ, na ateneneefoɔ adeɛ a wɔpɛ no, wɔbɛma wɔn.


Abɔnefoɔ dwane berɛ a obi mpamo wɔn, na teneneefoɔ deɛ, wɔyɛ nnam sɛ gyataburuwa.


O me man babaa, fira ayitoma na yantam nso mu; twa adwo a ɛte sɛ ɔbakorɔ ho deɛ, twa agyaadwo a ɛyɛ ya, ɛfiri sɛ mpofirim na ɔsɛefoɔ bɛba yɛn soɔ.


Na mo mu wɔn a wɔbɛka no, mɛma ehu aba wɔn akoma mu wɔ wɔn atamfoɔ nsase no so, na ahahan a ɛteɛ huuyɛ aka wɔn agu na wɔadwane sɛdeɛ obi dwane firi nkrantɛ ano na wɔatotɔ, berɛ a obi mpamo wɔn;


Nso monnnwiinwii sɛdeɛ wɔn mu binom nwiinwiiɛ na ɔsɛefoɔ no bɛsɛee wɔn no.


Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane.


Na wɔwɔ wɔn so hene a ɛyɛ bunu no mu bɔfoɔ a wɔfrɛ ne din wɔ Hebri kasa mu sɛ Abadon, na Hela kasa mu deɛ, ɔde Apolion.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios