Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 14:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na ɔdasani deɛ, ɔwu, na ɔbea hɔ, na onipa gyaa mu, na ɔwɔ he?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na ɔdasani deɛ, ɔwu, na ɔbea hɔ, na onipa gyaa mu, na ɔwɔ he?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nanso sɛ nnipa wu a wɔde no hyɛ fam; ɔhome nea etwa to a, na afei onni hɔ bio.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Nanso, sɛ nnipa wu a wɔde no hyɛ fam; ɔhome deɛ ɛtwa toɔ a, na afei ɔnni hɔ bio.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 na onipa de, owu, na ɔbea hɔ, na onipa gyaa mu, na ɔwɔ he?

Ver Capítulo Copiar




Hiob 14:10
20 Referencias Cruzadas  

Na Yakob hyɛɛ ne mma nsamanseɛ wieeɛ no, ɔboaa ne nan ano guu mpa no so, na ɔguu n’ahome a ɛdi akyire, na ɔtii ne nananom wɔ asamando.


Na ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ ne yɛn wɔ w’anim, sɛ yɛn agyanom nyinaa. Yɛn nna te sɛ sunsum asase so, na anidasoɔ biara nni hɔ.


Adɛn nti na woyii me firii yafunu mu? Anka menya megyaa mu na ani biara anhu me ɛ!


Na abɔnefoɔ deɛ wɔn ani so bɛsi na dwanekɔbea abɔ wɔn, na wɔn anidasoɔ bɛdane wɔn wuo.


Ɔhwehwɛ mo mu a, ɛbɛsi yie, anaasɛ mobɛdaadaa no sɛdeɛ wɔdaadaa ɔdasani?


saa ara na onipa kɔda hɔ, na ɔnsɔreɛ. Ɔsoro nnya ntwaa mu yi, wɔrennyane, na wɔrempusu wɔn mfiri wɔn nna mu.


nsuo hwa nti ɛfefɛ, na ɛyiyi mman sɛ dua a wɔatɛ.


Na wɔasɛe me wedeɛ seyie akyiri no, na mɛfiri me honam mu afi ahunu Onyankopɔn;


ɔbɛyera koraa sɛ ne sɛbeɛ; wɔn a wɔhu no no bɛbisa sɛ: Ɔwɔ he?


Adɛn nti na manwu yafunu mu, na mannyaa mu, awoeɛ?


Anka sɛsɛɛ meda hɔ mayɛ komm, anka mada, ɛno deɛ anka manya ahomegyeɛ,


Na adɛn na womfa me mmarato nkyɛ, na womma me mfomsoɔ nsene nkorɔ? Na afei mɛda mfuturo mu, na wobɛhwehwɛ me, nso na menni hɔ bio.


Wɔsum ɔbɔnefoɔ twene, ne bɔneyɛ mu, na ɔteneneeni wɔ ne wuo mu anidasoɔ.


Adeɛ nyinaa kɔ faako, adeɛ biara firi dɔteɛ mu, na adeɛ nyinaa sane kɔ dɔteɛ mu.


Hwan na ɔnim nnipa mma honhom sɛ ɔforo kɔ ɔsoro ne mmoa honhom sɛ ɔsiane kɔ asase aseɛ?


Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu bio no, ɔgyae ne honhom mu.


Na amonom hɔ ara ɔhwee ne nan ase wui. Na mmeranteɛ no ba bɛhunuu no sɛ wawuo no, wɔsoaa no firii adi kɔsiee no ne kunu nkyɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios