Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 12:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Hwɛ, ɔsianka nsuo ma no we, nanso ɔgyaa mu ma no butu asase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Hwɛ, ɔsianka nsuo ma no we, nanso ɔgyaa mu ma no butu asase.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Sɛ ɔma osu gyae tɔ a, asase no so yɛ wosee; sɛ ogyaa osutɔ mu a, ɛsɛe asase no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Sɛ ɔma osuo gyae tɔ a, asase no so yɛ wesee; sɛ ɔgyaa osutɔ mu a, ɛsɛe asase no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Hwɛ, osianka nsu ma ɛyow, nanso ogyaa mu ma ebutuw asase.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 12:15
18 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: Abɔdeɛ nyinaa awieeɛ aba m’anim, ɛfiri sɛ wɔn awurukasɛm ahyɛ asase so ma, na hwɛ, mɛsɛe wɔn ne asase.


Na hwɛ, me, mede nsuyire bɛba asase so mabɛsɛe abɔdeɛ a nkwa home wɔ wɔn mu nyinaa ɔsoro ase; asase so adeɛ nyinaa rebɛwuwu.


Noa dii mfirinhyia ahansia no, bosome a ɛtɔ so mmienu no dadu nnanson soɔ, da no ara, ebunu kɛseɛ no nsuo ani nyinaa paepaee, na ɔsoro mpomma buebuee.


Na Onyankopɔn kaee Noa ne mmoadoma nyinaa ne ntɔteboa nyinaa a wɔne no wɔ adaka no mu nyinaa. Na Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so, na nsuo no ano brɛɛ ase.


Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!


Na ɛbaa sɛ nna bi akyiri no, asuo no wee, ɛfiri sɛ osuo antɔ asase no so.


Ne nsam na ɔteasefoɔ biara kra wɔ, ne adasamma nyinaa ahonhom.


Ɔhyɛɛ mframa duro too hɔ, na ɔhyɛɛ nsuo sɛ ne nsusuiɛ teɛ no,


Amanaman ahoni no mu bi wɔ hɔ a wɔma osuo torɔ? Anaasɛ ɔsoro bɛtumi ama asuso atue? Ɛnyɛ wo, AWURADE yɛn Nyankopɔn? Wo na yɛhwɛ wo kwan, ɛfiri sɛ wo ara na woayɛ yeinom nyinaa.


Ɔno na ɔyɛɛ nsoromma a ebi ne Akokɔbaatan-ne-ne-mma ne Nwenwenente, na ɔdane esum kabii adekyeeɛ, na ɔma awia duru sum sɛ anadwo, ɔfrɛ ɛpo mu nsuo hwie gu asase ani, AWURADE ne ne din.


Ɔteatea ɛpo ma no we, na ɔma nsutene nyinaa mem; Basan ne Karmel twintwam, Lebanon nhwiren nso twintwam;


Na meka no nokorɛ mu, Elia berɛ so a ɔsoro mu too mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia, na ɛkɔm kɛseɛ baa asase no nyinaa soɔ no, akunafoɔ pii wɔ Israel deɛ,


na AWURADE abufuo annɛre antia mo, na wanto ɔsoro mu sɛ osuo nntɔ na asase mmma ne nnɔbaeɛ, na moansɛe ntɛm so amfiri asase pa a AWURADE de rema mo no so.


Yeinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu, na osuo ntɔ wɔn adiyie nna no mu, na wɔwɔ nsuo so tumi sɛ wɔma no dane mogya ne sɛ wɔde haw biara ha asase da biara a wɔpɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios