Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 1:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Ɔno da so rekasa no, obi ba bɛkaa sɛ: Kaldeafoɔ abɔ kyenku mmiɛnsa abɛto ahyɛ yoma no so afa wɔn kɔ, na mmeranteɛ no so, wɔakukum wɔn nkrantɛ ano, na me nko ara na mafiri mu sɛ merebɛka makyerɛ wo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Ɔno da so rekasa no, obi ba bɛkaa sɛ: Kaldeafoɔ abɔ kyenku mmiɛnsa abɛto ahyɛ yoma no so afa wɔn kɔ, na mmeranteɛ no so, wɔakunkum wɔn nkrantɛ ano, na me nko ara na mafiri mu sɛ merebɛka makyerɛ wo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Ogu so rekasa no, ɔbɔfo foforo bi bɛkae se, “Kaldeafo de akorɔmfo akuw abiɛsa baa wo yoma so bɛsoaa wɔn kɔe. Wɔde afoa kunkum asomfo no na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo amanneɛ yi.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Ɔgu so rekasa no, ɔbɔfoɔ foforɔ bi bɛkaa sɛ, “Kaldeafoɔ de akorɔmfoɔ akuo mmiɛnsa baa wo nyoma so bɛsoaa wɔn kɔeɛ. Wɔde afena kunkumm asomfoɔ no na me nko ara na medwaneeɛ a merebɛbɔ wo amaneɛ yi.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Ɔno da so rekasa no, obi bae bɛkae sɛ: Kaldeafo abɔ tukuw abiɛsa abɛtow ahyɛ yoma no so afa wɔn kɔ, na mmerante no, wɔakunkum wɔn nkrante ano, na me nko ara na mafi mu sɛ merebɛka makyerɛ wo.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 1:17
8 Referencias Cruzadas  

Na Haran wuu n’agya Tera anim, asase a wɔwoo no soɔ no so, ɛne Ur a ɛwɔ Kaldea.


Na Tera faa ne ba Abram ne ne nana Lot, a ɔyɛ Haran ba, ne n’ase Sarai, ne ba Abram yere, na ɔne wɔn firii Ur a ɛwɔ Kaldea sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na wɔduruu Haran no, wɔtenaa hɔ.


Na Dawid bisaa no sɛ: Ɛhe na wofiri reba yi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Israel nsram na mefiri dwaneeɛ yi.


ɛnna Sabafoɔ bɛto hyɛɛ wɔn so na wɔafa wɔn kɔ, na mmeranteɛ no, wɔde nkrantɛ ano akukum wɔn, na me nko ara na mafiri mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo.


Ɔno nso da so rekasa no, ɔfoforɔ ba bɛkaa sɛ: Wo mmammarima ne wo mmammaa redidi na wɔrenom nsa wɔ wɔn nua panin fie no,


Hwɛ, Kaldeafoɔ asase! Ɛno na ɛyɛ ɔman ɛnyɛ Asiria. Wɔde Tiro maa nkekaboa. Wɔtoo wɔn afasuo denden no. Wɔbubuu n’ahemfie maa ɛyɛɛ fituo.


Babelfoɔ ne Kaldeafoɔ nyinaa, Pekodfoɔ, Soafoɔ ne Kaldeafoɔ ne Asiriafoɔ a wɔka wɔn ho nyinaa, mmeranteɛ a wɔn ho yɛ fɛ, amradofoɔ ne mmakoma nyinaa, nnɔmkunini ne wɔn a wɔwɔ din, apɔnkɔsotefoɔ ara nko,


Na hwɛ, merehwanyan Kaldeafoɔ, ɔman a wɔn tirim yɛ den na wɔn ho yɛ hare a wɔnante fa asase so nyinaa fa tenabea a ɛnyɛ wɔn dea di soɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios