Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 9:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu guu m’aso mu sɛ: Ma kuro no so ahwɛfoɔ ntwe mpini, na obiara mfa n’akodeɛ a ɔde sɛe adeɛ nkura ne nsam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu guu m’aso mu sɛ: Ma kuro no so ahwɛfoɔ ntwe mpini, na obiara mfa n’akodeɛ a ɔde sɛe adeɛ nkura ne nsam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei metee sɛ ɔde nne kɛse teɛ mu se, “Momfa kuropɔn no awɛmfo no mmra ha, a obiara kura akode.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei metee sɛ ɔde nne kɛseɛ team sɛ, “Momfa kuropɔn no awɛmfoɔ no mmra ha, a obiara kura akodeɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔde nne kɛse teɛɛm m’asom sɛ: Ma kurow no so ahwɛfo ntwiw mmɛn, na obiara mfa n’akode a ɔde sɛe ade nkura ne nsam.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 9:1
11 Referencias Cruzadas  

Na ɔkɔɔ mu sɛ ɔrekɔbɔ afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ. Na Yehu de mmarima aduɔwɔtwe agyina adihɔ sɛ: Sɛ mmarima a mede wɔn merehyɛ mo nsa yi mu biara firi mu kɔ a, deɛ ɔmaa no kɔeɛ no kra bɛsi ne kra ananmu.


Na Onyankopɔn somaa ɔbɔfoɔ maa no kɔɔ Yerusalem sɛ ɔnkɔsɛe hɔ. Na ɔrebɛsɛe hɔ no, AWURADE hwɛe, na ɔnuu ne ho mmusuo no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔresɛe hɔ no sɛ: Ɛdɔɔso, afei pono wo nsa. Nso na AWURADE bɔfoɔ no gyina Yebusini Ornan ayuporebea ho.


Ɛfiri sɛ AWURADE bɛtwam abobɔ Misraimfoɔ, na sɛ ɔhunu mogya no wɔ aponnwatifi ne aponnwa mmienu no ho a, AWURADE bɛsiane pono no ho, na ɔremma ɔsɛefoɔ no kwan mma ɔmma mo afie mmɛbobɔ mo.


Na metee AWURADE nne sɛ ɔse: Hwan na mensoma no, na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn? Na mese: Meni, soma me!


Monsi frankaa nkyerɛ Sion fam, mommɔ mo ho adwaa, monnnyina hɔ, na adebɔne na merema no afiri atifi fam aba ne ɔsɛeɛ kɛseɛ.


Na adeɛ a mehunuiɛ no su te sɛ adeɛ a mehunuiɛ berɛ a ɔba bɛsɛee kuro no; na ɛyɛ anisoadehunu a ɛte sɛ adeɛ a mehunuu no Asuo Kebar ho no; na mede m’anim butuu fam.


na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Monsuro Onyankopɔn na monhyɛ no animuonyam, ɛfiri sɛ n’atemmuo dɔn adu. Na monkoto deɛ ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asutire no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios