Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 8:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na mmarima aduɔson a wɔfiri Israel fie mpanimfoɔ mu a Safan ba Yaasania gyina wɔn mu gyinagyina wɔn anim, na wɔn aduhwamhyeɛ kukuo kurakura wɔn nsam, na aduhwamhyeɛ wisie no hwa sɔree.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na mmarima aduɔson a wɔfiri Israel fie mpanimfoɔ mu a Safan ba Yaasania gyina wɔn mu gyinagyina wɔn anim, na wɔn aduhwamhyeɛ kukuo kurakura wɔn nsam, na aduhwamhyeɛ wisie no hwa sɔree.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔn anim na na Israelfo mpanyimfo aduɔson gyinagyina a na Safan babarima Yaasania gyina wɔn mu. Na wɔn mu biara kura nkankyee ntrantraa a aduhuam wusiw huamhuam fi so rekɔ soro.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔn anim na na Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson gyinagyina a na Safan babarima Yaasania gyina wɔn mu. Na wɔn mu biara kura nkankyee ntrawantrawa a aduhwam wisie hwamhwam firi so rekɔ soro.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na mmarima aduɔsɔn a wofi Israel fi mpanyimfo mu a Safan ba Yaasania gyina wɔn mu gyinagyina wɔn anim, na wɔn aduhuamhyew kuku kurakura wɔn nsam, na aduhuamhyew wusiw hua sɔree.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 8:11
31 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene hyɛɛ Ɔsɔfoɔ Hilkia ne Safan ba Ahikam ne Mikaia ba Akbor ne Ɔtwerɛfoɔ Safan ne ɔhene akoa Asaia sɛ:


Na Ɔsɔfoɔ Hilkia ne Ahikam ne Akbor ne Safan ne Asaia kɔɔ Odiyifoɔ baa Hulda a ɔyɛ Harhas ba Tikwa ba, ntadeɛ sohwɛfoɔ Salum yere nkyɛn, (nso na ɔte Yerusalem Fa a ɛtɔ so Mmienu mu), na wɔne no kasae.


Na Ɔhene Yosia afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no mu no, ɔhene somaa Mesulam ba Asalia ba Ɔtwerɛfoɔ Safan maa no kɔɔ AWURADE fie sɛ:


Na Ɔsɔfo panin Hilkia ka kyerɛɛ Ɔtwerɛfoɔ Safan sɛ: Mahunu mmara nwoma no AWURADE fie. Na Hilkia de nwoma no maa Safan, na ɔkenkanee.


Na nkurɔfoɔ a wɔkaa Yuda asase soɔ a Babelhene Nebukadnessar maa wɔkaeɛ no, ɔde Safan ba Ahikam ba Gedalia sii wɔn so amrado.


Na ne ho yɛɛ den no, ɔyɛɛ ahantan na ɔbɔɔ brafunu, na ɔfomm AWURADE ne Nyankopɔn, na ɔhyɛnee AWURADE asɔredan mu sɛ ɔrekɔhye aduhwam aduhwamhyeɛbukyia no so.


Na Usia bo fui, na aduhwamhyeɛ adeɛ no kura ne nsam sɛ ɔde rebɛhye aduhwam no. Na ɔfaa asɔfoɔ no ho abufuo no, kwata fifirii ne moma so, asɔfoɔ no anim, AWURADE fie hɔ, aduhwamhyeɛbukyia no ho.


Na ɔhene hyɛɛ Hilkia, ne Safan ba Ahikam, ne Mika ba Abdon, ne Ɔtwerɛfoɔ Safan ne ahenkwaa Asaia sɛ:


Na Mose deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Foro bra AWURADE nkyɛn, wo ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ mu aduɔson, na mommɛsɔre wɔ akyirikyiri.


Ɛnna Mose ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ mu aduɔson foro kɔeɛ.


Duadwumfoɔ yere homa mu, ɔde pɛnsere sensane ho, ɔde adwinnadeɛ yɛ, na ɔde kɔmpase sensane ho, na ɔyɛ no ɔbarima nsɛso, onipa ahoɔfɛ so, sɛ ɛntena ɛdan mu.


Sɛ AWURADE kaeɛ nie: Kɔ na kɔtɔ ɔnwomfoɔ kuruwa bi, na fa ɔman no mu mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mu mpanimfoɔ no bi ka wo ho,


Ɛsiane sɛ wɔagya me, na wɔadi ananafoɔ asɛm wɔ ɛha yi, na wɔahye aduhwam wɔ ha ama anyame foforɔ a wɔne wɔn agyanom ne Yuda ahemfo nhunuu wɔn pɛn, na wɔde bemdifoɔ mogya ahyɛ ɛha yi ma.


Na Ɔhene Yehoiakim somaa mmarima bi kɔɔ Misraim, mekyerɛ Akbor ba Elnatan ne mmarima bi a wɔka ne ho,


Nso Safat ba Ahikam nsa na na ɛda Yeremia ho, deɛ ɛbɛyɛ na wɔamfa no anhyɛ ɔman no nsa na wɔanku no.


ɔde manee Safan ba Elasa ne Hilkia ba Gemaria a Yudahene Sedekia somaa wɔn maa wɔkɔɔ Babelhene Nebukadnessar nkyɛn wɔ Babel no; ɛse:


Ɛnna Baruk kenkann Yeremia nsɛm a ɛwɔ nwoma no mu no guu ɔman no nyinaa aso mu, AWURADE fie, Safan ba Ɔtwerɛfoɔ Gemaria pia a ɛwɔ atifi abannwa mu no mu, AWURADE fie ponkɛseɛ foforɔ no ano.


Aduhwam a mo ne mo agyanom, mo ahemfo ne mo mmapɔmma ne asase no so nkurɔfoɔ no hyee no Yuda nkuro mu, ne Yerusalem mmorɔno soɔ no, ɛnyɛ ɛnonom na AWURADE akae, na afɔre ahyɛne n’adwene mu.


Mɛkɔ nnipa akɛseɛ nkyɛn makɔkasa akyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔn na wɔnim AWURADE kwan ne wɔn Nyankopɔn mmara no. Nanso wɔn nyinaa abubu kɔnnua no atete nkyehoma no mu.


Na Babel hene no bobɔɔ wɔn kunkumm wɔn Ribla a ɛwɔ Hamat asase soɔ no. Saa na wɔtuu Yuda firii n’asase so kɔeɛ.


Mobɛbɔ korɔno, adi awu, asɛe awadeɛ, akeka ntanhunu, akɔhye aduhwam ama Baal, akɔdi anyame afoforɔ a monni wɔn akyi,


Na afe a ɛtɔ so nson, bosome a ɛtɔ so nnum da a ɛtɔ so du no, Israel mpanimfoɔ no mu binom ba bɛbisaa AWURADE hɔ adeɛ, na wɔbɛtenaa m’anim.


Ɛnna mehyɛnee mu mekɔhwɛeɛ, na hwɛ, mmoa a wɔwea ne mmoa ahodoɔ a wɔkyire nyinaa ne Israel fie abosom ahoni nyinaa na wɔakurukyire wɔ wɔn ɔfasuo no ho ahyia yi.


Nkɔkoraa, mmeranteɛ ne mmabaa ne mmɔfra ne mmaa, monkum wɔn nsɛe wɔn; na obiara a wɔahyɛ no agyiraeɛ no deɛ, monnka no; na me kronkronbea hɔ na momfiri aseɛ. Ɛnna wɔfirii aseɛ, firi mpanimfoɔ a wɔwɔ efie no anim no soɔ.


AWURADE, yɛn na animguaseɛ wɔ yɛn, yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom, sɛ yɛayɛ wo bɔne nti;


Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Boaboa Israel mpanimfoɔ mu mmarima aduɔson ano ma me, nnipa a wonim wɔn sɛ wɔyɛ ɔman no mpanimfoɔ ne wɔn atwerɛfoɔ, na fa wɔn bra ahyiaeɛ ntomadan no ho, na wɔne wo mmɛgyina hɔ.


Na AWURADE sianee mununkum no mu na ɔkasa kyerɛɛ no, na ɔde ne honhom a ɛwɔ ne soɔ no bi guu mpanimfoɔ aduɔson no so; na honhom no sisii wɔn soɔ no, wɔkaa adiyisɛm berɛ tiaa bi mu, nanso akyire yi no wɔansane anyɛ bio.


na mo mu biara mfa ne kukuwa, na ɔmfa aduhwam ngu mu, na obiara mfa ne kukuwa mmra AWURADE anim, nkukuwa ahanu aduonum; na wo nso, ne Aaron, obiara mfa ne kukuwa mmra.


Na ogya firi AWURADE nkyɛn bɛhyee mmarima ahanu aduonum a wɔde aduhwam no baeɛ no.


sika nnwetɛbena du ayowa baako aduhwam ayɛ no ma;


Yeinom akyiri no, Awurade yii nnipa aduɔson bio, na ɔsomasomaa wɔn baanu baanu dii n’anim kɔɔ kuro biara ne baabiara a ɔno ara rebɛkɔ hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios