Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 7:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn! Na mogya ho atemmuo ayɛ asase no ma, na atirimuɔden ahyɛ kuro no ma;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn! Na mogya ho atemmuo ayɛ asase no ma, na atirimuɔden ahyɛ kuro no ma;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 “ ‘Monyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn, efisɛ mogyahwiegu ayɛ asase no so ma, na akakabensɛm ahyɛ kuropɔn no ma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 “ ‘Monyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn! Ɛfiri sɛ mogyahwiegu ayɛ asase no so ma, na akakabensɛm ahyɛ kuropɔn no ma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Yɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn no: Na mogya ho atemmu ayɛ asase no ma, na atirimmɔden ahyɛ kurow no ma;

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 7:23
29 Referencias Cruzadas  

Afei nso, mogya a ɛdi bem nso Manase kaa pii pa ara gui kɔsii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem ma firi ano kɔpem ano, ɛsono ne bɔne a ɔmaa Yuda yɛeɛ, sɛ wɔyɛɛ deɛ ɛnyɛ wɔ AWURADE ani soɔ no.


ne mogya a ɛdi bem nso a ɔka guiɛ, na ɔde mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma no nti. Na AWURADE ampɛ sɛ ɔde kyɛ.


Na sɛ motrɛ mo nsam a, mɛyi m’ani mahunta mo; nso sɛ momma mpaebɔ dɔɔso a, me deɛ, merentie; mogya ayɛ mo nsa mama.


Na mogya akeka mo nsam, na amumuyɛ agu mo nsateaa ho fi; mo ano keka atorosɛm, mo tɛkyerɛma woro nkontompo.


Wɔn nan tutu mmirika kɔyɛ bɔne, na wɔyɛ ntɛm kɔhwie mogya a ɛdi bem gu; wɔn adwene yɛ abusudwene, ɔsɛeɛ ne obubuo wɔ wɔn atempɔn ho.


Nso w’atadeɛ mmuano mu na wɔhunu ahiafoɔ a wɔdi bem no mogya. Ɛwom sɛ woanhunu sɛ wɔrebubu adan kɔ mu, nanso yeinom nyinaa akyiri no


Nanso w’ani ne w’akoma nni hwee so sɛ wo mfasoɔ bɔne, ne mogya a ɛdi bem so sɛ ɛngu fam, ne amim ne nhyɛsoɔ so sɛ wobɛyɛ.


Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Yɛ nkyehoma ne kɔnnua fa, na fa hyɛ wo kɔn;


Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn berɛ a Ankɔbeahene Nebusaradan agyaa no Rama no nie; ɔkɔfaa no baeɛ no, na wɔagu no nkɔnsɔnkɔnsɔn, Yerusalem ne Yuda atukɔfoɔ a wɔretu wɔn akɔ Babel no mu.


Sɛdeɛ asubura mu nsuo pu ba no, sɛ ne bɔne nso pu ba ne no; wɔte atirimuɔden ne nhyɛsoɔ nka wɔ mu, yadeɛ ne akuro wɔ m’anim daa.


sɛ moanhyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ so, anaasɛ moanhwie mogya a ɛdi bem angu ha yi, na moanni anyame foforɔ akyi amfa anyɛ mo ho bɔne a,


Wato me ho ban, na mentumi mfiri adi, wama me nkɔnsɔnkɔnsɔn ayɛ duru;


Moama mo atɔfoɔ adɔɔso kuro yi mu, na mode atɔfoɔ funu ahyehyɛ emu mmorɔno so ma ma.


Na ka kyerɛ asase no so aman no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka no Yerusalemfoɔ a wɔwɔ Israel asase soɔ no ho nie: Wɔde awerɛhoɔ na ɛbɛdi wɔn aduane, na wɔde ahodwirie bɛnom wɔn nsuo, ɛsiane sɛ n’asase adane afo na ne mayɛ abɔ no, ɛsofoɔ nyinaa mmusubɔ no nti.


na ɔhom mmɔborɔni ne ohiani so, ɔyɛ ɔpempensideɛ nso ɔnnane mma, na ɔma n’ani so hwɛ ohoni huhuo yɛ akyiwadeɛ,


Na hwɛ, mebɔ me nsamu, w’aniberebereɛ mfasoɔ a wonya, ne wo mogya a ɛwɔ wo mu no ho.


Ne mmapɔmma a wɔwɔ soɔ no te sɛ mpataku a wɔtete hanam, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo, na wɔasɛe akra, deɛ ɛbɛyɛ na wɔanya mfasoɔ bɔne adie.


Nkontompofoɔ wɔ wo mu, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo, na mmepɔ so na wɔbɛhwie mogya aguo, na mmepɔ so na wɔdidie wɔ wo mu, na ahohoradeɛ na wɔyɛ no wo mfimfini.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Momma no nnɔɔso mma mo, Israel aberempɔn, monnyae amimdie ne nhyɛsoɔ, na monyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ, monnyae sɛ monam ɔhyɛ so gye nsase firi me nkurɔfoɔ hɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Ɛnna ɔde me baa AWURADE fie mu fam abannwa soɔ, na hwɛ, AWURADE asɔredan ano, ntwonoo ne afɔrebukyia no ntam no, mmarima aduonu nnum a wɔn akyiri kyerɛ AWURADE asɔredan na wɔn anim kyerɛ apueeɛ resɔre owia nie.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahunu yei? Ɛyɛ hare ma Yuda fie sɛ wɔyɛ akyiwadeɛ a wɔyɛ no ɛha yi, sɛ wɔde atirimuɔden rehyɛ asase yi so ma, na wɔasane abɛhuru me boɔ? Na hwɛ, wɔde duban no ka wɔn hwene.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Israel ne Yuda fie amumuyɛ no yɛ kɛseɛ pa ara, na mogya ayɛ asase no so ma, na ntɛnkyea ayɛ kuro no ma; na wɔka sɛ: AWURADE agya asase no, na AWURADE nhunu.


Ntanka, nkontompo, awudie, korɔno ne awaresɛeɛ na ɛwɔ hɔ. Wɔdi akakabensɛm na mogyahwieguo toa mogyahwieguo so.


na wɔn ani bere mfuo, na wɔgye, ne afie, na wɔfefa, na wɔsi ɔbarima ne ne fie ne onipa ne n’agyapadeɛ apempem.


Nnipa pa ayera afiri asase so; teefoɔ nni nnipa mu, wɔn nyinaa tetɛ mogya, wɔsunsum wɔn nuanom fidie.


Yei nyinaa akyi no, wɔfaa no kɔɔ nnommum mu, ne mmotafowa nso, wɔde wɔn abobɔ mmorɔno nyinaa ntweaso akunkum wɔn, na wɔtwee n’animuonyamfoɔ so ntonto, na wɔguu ne nnipa akɛseɛ nyinaa mpokyerɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios