Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 7:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na mɛdane m’ani afiri wɔn so, na wɔagu m’akoradeɛ ho fi, na adwotwafoɔ bɛhyɛne mu agu ho fi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na mɛdane m’ani afiri wɔn so, na wɔagu m’akoradeɛ ho fi, na adwotwafoɔ bɛhyɛne mu agu ho fi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Meyi mʼani afi wɔn so na wobegu beae a ɛsom me bo no ho fi. Akorɔmfo bewura hɔ na wɔagu ho fi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Mɛyi mʼani afiri wɔn so na akorɔmfoɔ bɛgu beaeɛ a ɛsom me bo ho fi. Wɔbɛwura hɔ na wɔagu ho fi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na mɛdan m’ani afi wɔn so, na wɔahura m’akorade ho, na adwowtwafo bɛhyɛn mu ahura ho.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 7:22
9 Referencias Cruzadas  

Mɛyɛ sɛ apueeɛ mframa mabɔ wɔn mapete wɔn atamfoɔ anim, m’akyiri mmom, na ɛnyɛ m’anim, na mede bɛkyerɛ wɔn, wɔn sɛeɛ da no.


AWURADE, woahunu, mmua w’ano, AWURADE, mfiri me nkyɛn nkɔ akyiri!


Ɔse no n’akomam sɛ: Nyankopɔn werɛ afi, ɔde n’ani ahunta ɔrenhunu ara da.


Ɛsiane sɛ wɔagya me, na wɔadi ananafoɔ asɛm wɔ ɛha yi, na wɔahye aduhwam wɔ ha ama anyame foforɔ a wɔne wɔn agyanom ne Yuda ahemfo nhunuu wɔn pɛn, na wɔde bemdifoɔ mogya ahyɛ ɛha yi ma.


Na Yerusalem afie ne Yuda ahemfo afie no ho bɛgu fi sɛ Tofet hɔ, adan a wɔahyehye atifi aduhwam ama ɔsoro asafo no nyinaa, na wɔahwie ahwiesa ama anyame foforɔ no nyinaa bɛyɛ sɛ Tofet.


Kasa kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, meregu me kronkronbea ho fi, mo ahoɔden ahokyerɛ no, mo ani adeɛ a ɛpɛ ne mo kra adeɛ a ɛdɔ no; na mo mmabanin ne mo mmammaa nkaeɛ no bɛtotɔ nkrantɛ ano.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios