Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 6:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Nanso mɛgya mo mu ebinom a wɔbɛfiri nkrantɛ ano aka, amanaman mu, berɛ a wɔbɛbɔ mo apete nsase soɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Nanso mɛgya mo mu ebinom a wɔbɛfiri nkrantɛ ano aka, amanaman mu, berɛ a wɔbɛbɔ mo apete nsase soɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “ ‘Nanso megyaw mo mu bi, efisɛ ebinom beguan afoa ano wɔ bere a moahwete wɔ nsase ne amanaman so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “ ‘Nanso mɛgya mo mu bi, ɛfiri sɛ ebinom bɛdwane akofena ano wɔ ɛberɛ a moahwete wɔ nsase ne amanaman so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Nanso megyaw mo ebinom a wobefi nkrante ano aka, amanaman mu, bere a wɔbɛbɔ mo apete nsaase so no.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 6:8
17 Referencias Cruzadas  

Na kae asɛm a wode hyɛɛ w’akoa Mose no sɛ: Mo deɛ, mofom a, me nso mɛbɔ mo apete aman mu.


Na sɛ ɛka abupɛn du mu baako wɔ mu mpo a, wɔbɛsane ahye wɔn, sɛ odum anaa dupɔn a wɔato ahwe fam, nanso ne sini da so ara si hɔ berɛ a wɔatwa. Na n’aba kronkron no ne dunsini no.


Na medi w’akyiri sɛ mɛgye wo nkwa, AWURADE asɛm nie; na mɛma amanaman a mabɔ wo apete hɔ no nyinaa awie sa, nso wo deɛ, meremma wonwie sa, na mɛtwe w’aso atenetene so, na bem deɛ meremma wonni.


na Yuda nkaeɛ a wɔakɔ Misraim, akɔyɛ hɔ ahɔhoɔ no mu biara remfiri mu, anaasɛ ɔrenka na wɔasane aba Yuda asase a wɔpɛ sɛ wɔsane kɔ hɔ no so, kɔtena hɔ no, ɛfiri sɛ obiara biara rensane mma, gye adwanefoɔ.


Na nnipa kakraa bi a wɔbɛfiri afena ano afiri no bɛsane afiri Misraim asase so aba Yuda asase so, na Yuda nkaeɛ a wɔbaa Misraim asase so bɛyɛɛ hɔ ahɔhoɔ no nyinaa bɛhunu onii ko a n’asɛm bɛgyina, me deɛ oo, wɔn deɛ oo!


Wo, m’akoa Yakob, nsuro, AWURADE asɛm nie, na medi w’akyi, na mɛma amanaman a mebɔɔ mo pete kɔɔ hɔ no nyinaa awie saa, na wo deɛ, merenwie wo. Na mɛtea wo sɛdeɛ ɛfata, na bem deɛ, meremma wonni.


Na mɛgya wɔn mu nnipa kakraa bi afiri nkrantɛ ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano, deɛ ɛbɛyɛ na wɔaka wɔn akyiwadeɛ no nyinaa, amanaman a wɔkɔ hɔ no mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Nanso, hwɛ, nnipa a wɔbɛfiri mu afire bɛka wɔn mu, mmammarima ne mmammaa, wɔde wɔn bɛfiri adi; hwɛ, wɔbɛfiri adi aba mo nkyɛn, na moahunu wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ, na moakyekyere mo werɛ, bɔne a mede baa Yerusalem soɔ, adeɛ a mede baa soɔ no nyinaa ho.


Enti wo mu na agyanom bɛdi mma nam, na mma adi wɔn agyanom nam, na mabu wo mu atɛn, na mabɔ wo nkaeɛ nyinaa apete mframa nyinaa ano.


Wo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛwuwu owuyadeɛ ano, na ɛkɔm bɛdwerɛ wɔn wo mu, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛtotɔ nkrantɛ ano atwa wo ho ahyia, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso, mɛbɔ wɔn apete mframa nyinaa mu, na matwe nkrantɛ madi wɔn akyi.


Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako, fa ogya hye wɔ kuro no mfimfini, berɛ a nkahyɛmu nna no awie duro no, na fa afena bobɔ ho hyia. Na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso fa pete mframa mu, na mɛtwe nkrantɛ madi akyire.


Na atɔfoɔ bɛhwehwe ase mo mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.


Na wɔn mu adwanefoɔ firi mu a, wɔbɛkɔ akɔtena mmepɔ so, na wɔn nyinaa ayɛ sɛ mmonhwa mu mmuburo a wɔsisi apini, obiara n’amumuyɛ ho.


Na mɛma amanehunufoɔ ne mmɔborɔfoɔ aka wo mu, na wɔde wɔn ho ato AWURADE din no so.


Yesaia nso tea mu wɔ Israel ho sɛ: Sɛ Israel mma dodoɔ te sɛ mpoano anwea a, emu nkaeɛ no na wɔbɛgye wɔn nkwa;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios