Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 6:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Deɛ ɔwɔ akyirikyiri bɛwu owuyadeɛ ano, na deɛ ɔbɛn nso bɛtɔ nkrantɛ ano, na deɛ waka ne deɛ wɔakora no no bɛwu ɛkɔm ano, na m’anibereɛ bɛwie wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Deɛ ɔwɔ akyirikyiri bɛwu owuyadeɛ ano, na deɛ ɔbɛn nso bɛtɔ nkrantɛ ano, na deɛ waka ne deɛ wɔakora no no bɛwu ɛkɔm ano, na m’anibereɛ bɛwie wɔn so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔyaredɔm bekum nea ɔwɔ akyirikyiri. Nea ɔbɛn no bɛtɔ afoa ano na nea obefi mu na waka no, ɔkɔm bekum no. Saa na mede mʼabufuwhyew no bɛyɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɔyaredɔm bɛkum deɛ ɔwɔ akyirikyiri. Deɛ ɔbɛn no bɛtɔ akofena ano na deɛ ɔbɛfiri mu na waka no, ɛkɔm bɛkum no. Saa na mede mʼabufuhyeɛ bɛyɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Nea ɔwɔ akyirikyiri bewu owuyare ano, na nea ɔbɛn nso bɛtɔ nkrante ano, na nea waka ne nea wɔakora no so bewu ɔkɔm ano, na m’anibere bewie wɔn so.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 6:12
11 Referencias Cruzadas  

Monka abodwosɛm nkyerɛ Yerusalem, na mommɔ no kaseɛ sɛ n’akodie asa, sɛ wɔde ne mfomsoɔ akyɛ, sɛ ne bɔne nyinaa ho wanya AWURADE nsam mmɔho.


na mɛma afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ aba wɔn mu akɔsi sɛ wɔbɛsa koraa afiri asase a mede memaa wɔn ne wɔn agyanom no soɔ.


Na afei, monhunu pefee sɛ afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano na mobɛwuwuo, deɛ mo ani gyina sɛ morekɔ akɔyɛ hɔ ahɔhoɔ no.


AWURADE ayi n’abufuhyeɛ no adi awie, wahwie n’abufuo a ano yɛ den no agu; wasɔ Sion mu gya ama no ahye ne nnyinasoɔ.


O Sion babaa, w’amumuyɛ so akatua asa! Ɔremma wo nkɔ so ntena otukorɔ mu; nanso, Edom babaa, ɔbɛba abɛtua w’amumuyɛ so ka, ɔbɛyi wo bɔne so.


Sɛ ka kyerɛ wɔn nie: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ mete aseɛ yi, ampa ara wɔn a wɔwɔ akurofo no soɔ no, nkrantɛ ano na wɔbɛtotɔ; na deɛ ɔwɔ wiram no, mmoadoma na mede no bɛma mmoa ma wɔadie; na wɔn a wɔwɔ aban ne abodan mu no, owuyadeɛ na ɛbɛkunkum wɔn.


Wo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛwuwu owuyadeɛ ano, na ɛkɔm bɛdwerɛ wɔn wo mu, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛtotɔ nkrantɛ ano atwa wo ho ahyia, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso, mɛbɔ wɔn apete mframa nyinaa mu, na matwe nkrantɛ madi wɔn akyi.


Na m’abufuo bɛwie na mama m’anibereɛ adwo wɔn so, na me werɛ akyekye; na sɛ meyɛ m’anibereɛ no so adeɛ wɔn so a, wɔahunu sɛ me, AWURADE, makasa me ninkuntwe mu.


Ɛberɛ no aba, ɛda no rebɛn; mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye na ɔdetɔnfoɔ nnni abooboo, na abufuhyeɛ no aba n’asafo yuu nyinaa so;


Nkrantɛ wɔ mfikyire, na owuyadeɛ ne ɛkɔm wɔ efie. Deɛ ɔwɔ wiram bɛwu nkrantɛ ano, na deɛ ɔwɔ kuro mu no, ɛkɔm ne owuyadeɛ bɛkum no.


Wo, AWURADE, na tenenee wɔ woɔ, na yɛn na animguaseɛ wɔ yɛn, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi, ma Yudafoɔ, Yerusalemfoɔ, Israelfoɔ a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirie, nsase a fom a wɔafom woɔ nti, wotuu wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios