Hesekiel 48:8 - New Revised Asante Twi Bible8 Na deɛ ɛdi Yuda hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no nyɛ mmasoɔ asase a momma soɔ no, ne trɛ nyɛ basafa mpem dummienu ne ahanum. Na ne ntwemu nyɛ sɛ kyɛfa no bi mfiri apueeɛ nkɔsi atɔeɛ, na kronkronbea no nna mfimfini. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron8 Na deɛ ɛdi Yuda hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no nyɛ mmasoɔ asase a momma soɔ no, ne trɛ nyɛ basafa mpem dummienu ne ahanum. Na ne ntwemu nyɛ sɛ kyɛfa no bi mfiri apueeɛ nkɔsi atɔeɛ, na kronkronbea no nna mfimfini. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm8 “Yuda nsase no hye a efi apuei kosi atɔe no so na kyɛfa a wode bɛma sɛ akyɛde sononko no bedi. Ne trɛw bɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum. Na ne tenten, efi apuei kosi atɔe no ne mmusuakuw no kyɛfa baako bɛyɛ pɛ, na kronkronbea no bɛwɔ mfimfini. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm8 “Yuda nsase no hyeɛ a ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ no so na kyɛfa a wode bɛma sɛ akyɛdeɛ sononko no bɛdi. Ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum. Na ne tentene, ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ no ne mmusuakuo no kyɛfa baako bɛyɛ pɛ, na kronkronbea no bɛwɔ mfimfini. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON8 Na nea edi Yuda hye so fi apuei de kɔ atɔe no nyɛ soma asase a momma so no, ne trɛw nyɛ susuw basafa mpem dumien ne ahanum; na ne ntwemu nyɛ sɛ kyɛfa no bi mfi apuei nkosi atɔe, na kronkronbea no nna mfinimfini. Ver Capítulo |
Na nkaeɛ no nyɛ ɔberempɔn no deɛ, mmasoɔ asase kronkron ne kuro no deɛ no ho, ɛha ne ɛha, deɛ ɛda mmasoɔ asase no ho yɛ basafa mpem dummienu ne ahanum no ho kɔsi apueeɛ hyeɛ so, ne atɔeɛ fam deɛ a ɛda mpem dummienu ne ahanum no ho kɔsi atɔeɛ hyeɛ so ma no sesɛ mmusuakuo no kyɛfa soɔ no, ɛnyɛ ɔberempɔn no deɛ, na mmasoɔ asase kronkron ne asɔrefie no kronkronbea no nna ntam.