Hesekiel 47:9 - New Revised Asante Twi Bible9 Na ɔkra teasefoɔ biara a ɛkeka ne ho, baabiara a asuo a ɛboro soɔ yi bɛkɔ hɔ no bɛnya nkwa na emu nam bɛdɔɔso bebree pa ara, ɛfiri sɛ nsuo yi bɛkɔ hɔ, na wɔasa po no nsuo yadeɛ, na nnoɔma nyinaa anya nkwa, deɛ asuo no korɔ biara. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron9 Na ɔkra teasefoɔ biara a ɛkeka ne ho, baabiara a asuo a ɛboro soɔ yi bɛkɔ hɔ no bɛnya nkwa na emu nam bɛdɔɔso bebree pa ara, ɛfiri sɛ nsuo yi bɛkɔ hɔ, na wɔasa po no nsuo yadeɛ, na nnoɔma nyinaa anya nkwa, deɛ asuo no korɔ biara. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm9 Baabiara a asu no sen fa no, abɔde a wɔwɔ nkwa bebree bɛtena hɔ. Mpataa bebree bɛba hɔ efisɛ saa asu no sen fa hɔ na ɛma nsu a ɛyɛ nkyenenkyene no yɛ nsu pa; biribiara yɛ yiye wɔ baabiara a asu no sen fa. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm9 Baabiara a nsuo no tene fa no, abɔdeɛ a wɔwɔ nkwa bebree bɛtena hɔ. Mpataa bebree bɛba hɔ ɛfiri sɛ saa nsuo no tene fa hɔ na ɛma nsuo a ɛyɛ nkyenkyen no yɛ nsu pa; biribiara yɛ yie wɔ baabiara nsuo no tene fa. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON9 Na ɔkra teasefo biara a ɛka ne ho baabiara a asu a ɛboro so yi bɛkɔ hɔ no benya nkwa na emu nam bɛdɔɔso bebree pa, efisɛ nsu yi bɛkɔ hɔ, na wɔasa po no nsu yare, na ade nyinaa anya nkwa, nea asu no kɔ. Ver Capítulo |