Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 47:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuo yi firi sene kɔ apueeɛ fam kanko no mu, na ɛsiane kɔ mpaperɛ no so. Ɛpo mu na nsuo a ɛfiri sene yi korɔ, na asa nsuo no yadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuo yi firi sene kɔ apueeɛ fam kanko no mu, na ɛsiane kɔ mpaperɛ no so. Ɛpo mu na nsuo a ɛfiri sene yi korɔ, na asa nsuo no yadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔka kyerɛɛ me se, “Saa asu yi sen kɔ apuei fam kɔbɔ Araba mu na hɔ na ɛbɔ po mu. Faako a ɛbɔ po mu hɔ no na nkyene nni asu no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Saa nsuo yi tene kɔ apueeɛ fam kɔbɔ Araba mu na ɛhɔ na ɛbɔ ɛpo mu. Baabi a ɛbɔ ɛpo mu hɔ nsuo no yɛ deɛ nkyene nni mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsu yi fi sen kɔ apuei fam dantaban no mu na esian kɔ tataw no so, na ɛkɔ po mu; ɛpo mu na nsu a efi sen yi kɔ, na asa nsu no yare.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 47:8
17 Referencias Cruzadas  

Na ɔsu frɛɛ AWURADE, na AWURADE kyerɛɛ no dua bi, na ɔde too nsuo no mu, na nsuo no yɛɛ dɛ. Ɛhɔ na ɔhyɛɛ ahyɛdeɛ ne atemmuo maa wɔn, na ɛhɔ nso na ɔsɔɔ wɔn hwɛeɛ,


Ɛserɛ so ne nkyɛkyerɛ bɛnya anika, na anwea pradada adi ahurisie, na ahane sɛ nhyerɛne;


ɛno na apakye bɛhuri sɛ ɔforoteɛ, na emum tɛkyerɛma ato ahurisie dwom, na nsuo bɛtue ɛserɛ so, na nsuwansuwa asene anwea pradada so;


na kumaforoteɛ bɛdane ɔtareɛ, na asase pɛsɛɛ ayɛ nsuwansuwa; na ɛserɛ so kraman tenabea a wɔbutuiɛ no, ewira bɛfifiri ayɛ sɛ demmire ne mmɛwa.


Wiram mmoadoma bɛhyɛ me animuonyam, ɛserɛ so nkraman ne nsohori, sɛ mama nsuo aba ɛserɛ soɔ na nsubɔntene aba anwea pradada soɔ, na mede mama me man a mayi wɔn no anom,


na ka kyerɛ nneduafoɔ sɛ: Momfiri adi! ne wɔn a wɔwɔ sum mu no sɛ: Mompue! Akwan so na wɔbɛdidie, na mpampa pataa nyinaa so bɛyɛ wɔn adidibea;


Wɔde esu ne nkotosrɛ bɛba, na mɛdi wɔn anim de wɔn akɔ asutene ho, ɔkwan tee a wɔrensunti wɔ soɔ; na mayɛ Israel agya, na Efraim ne m’abakan.


Na ɛfiri owiapueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ no me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, na wɔhye aduhwam bɔ afɔdeɛ ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛdeɛ a ɛho teɛ ba; na me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Ɛfiri sɛ ɔman yi akoma apirim, na wɔn aso mu ayɛ duru, na wɔakatakata wɔn ani na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ, na wɔannane wɔn ho, na mansa wɔn yadeɛ.


Na ɛduru berɛ bi mu a, ɔbɔfoɔ siane ba tadeɛ no mu bɛhono nsuo no, na deɛ nsuo no hono akyiri no, ɔdi kan kɔ mu no, yadeɛ biara a ɔyareɛ no, na ne ho ayɛ no den.]


Araba mpaperɛ so ne Yordan ne ɛho asase, ɛfiri Kineret kɔsi Araba mpaperɛ so po a ɛne Nkyene Po no ano wɔ Pisga bepɔ ase apueeɛ fam.


ne Araba mpaperɛ a ɛda Yordan agya apueeɛ no nyinaa kɔduru Araba mpaperɛ so ɛpo no ano wɔ Pisga ase.


ɛnna nsuo a ɛfiri atifi ba no gyina bɔɔ kuo baako wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kuro a ɛwɔ Saretan nkyɛn no ho; na nsuo a ɛsiane kɔ mpaperɛ mu po a ɛne Nkyene-po no mu no twa wiee koraa. Na ɔman no twae, Yeriko ntentensoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios