Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 47:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 na mesane bae, na hwɛ, nnua bebree pa wɔ asuo no ano, ɛha ne ɛha.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 na mesane bae, na hwɛ, nnua bebree pa wɔ asuo no ano, ɛha ne ɛha.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Miduu hɔ no, mihuu nnua bebree wɔ asubɔnten no konkɔn abien no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Meduruu hɔ no, mehunuu nnua bebree wɔ asubɔnten no nkonkɔn mmienu no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 na mesan mebae, na hwɛ, nnua bebree pa wɔ asu no ano, ha ne ha.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 47:7
9 Referencias Cruzadas  

Na asuo no nsunoa ha ne ha na nnua a wɔdie ahodoɔ nyinaa bɛfiri; n’ahahan rempo, na n’aba rensa, ɛbɛso n’abosome mu, ɛfiri sɛ ne nsuo no, kronkronbea na ɛfiri sene. Na n’aba bɛyɛ aduane, na n’ahahan ayɛ aduro.


ne kuro no abɔntene mfimfini. Asubɔntene no afanu nyinaa na nkwa dua a ɛso aba ahodoɔ dummienu sisie, na ɛsoso n’aba bosome biara. Na dua no ahahan na wɔde sa amanaman no yadeɛ.


Na ɔmaa Elia ngusoɔ a ɛfiri ne ho guiɛ no so, na ɔsane bɛgyinaa Yordan ano.


Na Ɔhene Salomo yɛɛ ahyɛn wɔ Esion-geber a ɛwɔ Elot ho, Mmɛwa Po ano, Edom asase so.


Na ɔsu frɛɛ AWURADE, na AWURADE kyerɛɛ no dua bi, na ɔde too nsuo no mu, na nsuo no yɛɛ dɛ. Ɛhɔ na ɔhyɛɛ ahyɛdeɛ ne atemmuo maa wɔn, na ɛhɔ nso na ɔsɔɔ wɔn hwɛeɛ,


Lebanon animuonyam bɛba wo nkyɛn, ne pepeaa, sɛsɛ ne kwabɔhorɔ bɛbom ahyehyɛ me kronkronbea hɔ; na mɛhyɛ me nantiabea animuonyam.


Na wo man deɛ, wɔn nyinaa bɛyɛ teneneefoɔ, wɔbɛdi asase no so akɔsi daa; wɔbɛyɛ me tɛdua duban a afefɛ, me nsa ano adwuma a ɛhyɛ me animuonyam.


menhyehyɛ Sion abooboodifoɔ memma wɔnnɛnso nsi nso mu da ananmu, memma wɔn anika ngo nsi abooboo ananmu, memma wɔn ayeyie ntadeɛ nsi honhom a watɔ bera ananmu, na wɔmfrɛ wɔn tenenee nnua, AWURADE tɛ nnua a ɛhyɛ no animuonyam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios