Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 47:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Ɔbarima no firi kɔɔ apueeɛ no, na susuhoma kura ne nsamu, na ɔsusuu basafa ahanum, na ɔde me twaa nsuo no, nsuo a ɛka nanpɔ soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Ɔbarima no firi kɔɔ apueeɛ no, na susuhoma kura ne nsamu, na ɔsusuu basafa ahanum, na ɔde me twaa nsuo no, nsuo a ɛka nanpɔ soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Bere a ɔbarima no rekɔ apuei fam a okura susuhama no, osusuw anammɔn apem ahannum (500,000), na afei ɔde me faa nsu a ɛdeda nan ase mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛberɛ a ɔbarima no rekɔ apueeɛ fam a ɔkura susuhoma no, ɔsusuu anammɔn apem ahanum (500,000), na afei ɔde me faa nsuo a ɛdeda nan ase mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Ɔbarima no fi kɔɔ apuei no, na susuhama kura ne nsam, na osusuw basafa ahanum, na ɔde me twaa nsu no, nsu a ɛka nansabon;

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 47:3
12 Referencias Cruzadas  

Na ɔde me baa hɔ no, na hwɛ, ɔbarima bi a ne su te sɛ kɔbere mfrafraeɛ nie, na siwabire homa ne susuo demmire kura ne nsamu, na ɔgyina ɛpono kɛseɛ no ano.


Na ɔde me nam atifi fam ponkɛseɛ no kwan so firii adi, na ɔde me faa mfikyikwan no so, konton baa anim ponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no kwan no so, na hwɛ, na nsuo firi nifa so resene.


Na ɔsusuu ahanum, na ɔde me twaa nsuo no, nsuo a ɛka nankoroma. Na ɔsusuu ahanum, na ɔde me twae, nsuo a ɛka asene mu.


Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na ɔbarima bi a susuhoma kura ne nsam nie.


na me deɛ, AWURADE asɛm nie, me ara ankasa na mɛyɛ no ogya fasuo atwa ne ho mahyia, na mayɛ ne mu animuonyam.


Na hwɛ, meresoma m’agya bɔhyɛ no aba mo so; enti montena kuro no mu nkɔsi sɛ wɔbɛma mo ahoɔden afiri soro.


Afei wɔmaa no so kɔɔ Nyankopɔn nifa, na ɔnyaa Agya no nkyɛn Honhom Kronkron bɔhyɛ nti na wahwie deɛ mohunu na moteɛ yi aguo.


Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wɔfirii aseɛ kasaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.


Na wɔmaa me demmire a ɛte sɛ abaa kaa sɛ: Sɔre na susu Nyankopɔn asɔredan ne afɔrebukyia ne wɔn a wɔsɔre wɔ mu no.


Na deɛ ɔne me rekasa no kura sika susudua sɛ ɔde rebɛsusu kuro no ne n’apono ne ne fasuo no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios