Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 47:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na apofofoɔ bɛgyina ɛpo no so, ɛfiri En-gedi kɔsi En-eglaim bɛyɛ asau hatabea. Emu mpataa bɛyɛ ahodoɔ, sɛ ɛpo kɛseɛ mu nam bebree pa ara.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na apofofoɔ bɛgyina ɛpo no so, ɛfiri En-gedi kɔsi En-eglaim bɛyɛ asau hatabea. Emu mpataa bɛyɛ ahodoɔ, sɛ ɛpo kɛseɛ mu nam bebree pa ara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Apopofo begyinagyina mpoano hɔ; efi En-Gedi kosi En-Eglaim, wobenya baabi ahata wɔn asau. Mpataa no bɛyɛ ahorow bebree te sɛ mpataa a ɛwɔ Po kɛse no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Apofofoɔ bɛgyinagyina mpoano hɔ; ɛfiri En-Gedi kɔsi En-Eglaim. Wɔbɛnya baabi ahata wɔn asau. Mpataa no bɛyɛ ahodoɔ bebree te sɛ mpataa a ɛwɔ Ɛpo kɛseɛ no mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na apofofo begyina so, efi En-gedi kosi En-eglaim bɛyɛ asawu hatabea; emu mpataa bɛyɛ ahorow, sɛ ɛpo kɛse mu nam bebree pa.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 47:10
21 Referencias Cruzadas  

Na wɔsane baa Enmispat, (ɛne Kades), na wɔkaa Amalekfoɔ asase nyinaa ne Amorifoɔ nso a wɔte Haseson-tamar no gui.


Na wɔbɛka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɛdɔm kɛseɛ bi firi po no agya firi Edom reba wo so, na hwɛ, wɔwɔ Hasason-tamar (a ɛne En-gedi no).


Ɛpo ni, ɛso, na ɛtrɛ kakraa, ɛhɔ na mmoa manyamanya a ɛnni ano nenam, mmoa nketewa ne akɛseɛ.


na apofofoɔ no bɛsu atwa adwo, na wɔn a wɔto Nil mu nnarewa nyinaa bɛdi abooboo, na nsuo no ani asaugufoɔ ahodwo;


Hwɛ, yeinom firi akyirikyiri bɛba, na hwɛ, yeinom firi atifi fam ne atɔeɛ fam, na yeinom nso firi Sinifoɔ asase so.


Na mma a wɔwoo wɔn wɔ w’amanehunu mu no bɛka no w’aso mu sɛ: Afa ha yɛ hihiaa ma me, pini do, na mennya tenabea.


Na mɛyɛ wo ɔbotan kwawee, wobɛdane asau hatabea. Wɔrenkyekyere wo bio, na me, AWURADE, na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


ɛbɛyɛ asau hatabea wɔ ɛpo mu. Na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na ɛbɛyɛ amanaman asadeɛ,


Na asase no hyeɛ nie: Ano a ɛda atifi fam: Ɛfiri ɛpo kɛseɛ no ano, fa Hetlon kwan a ɛkɔ Sedad no so,


Na ɛhyeɛ a ɛda anafoɔ fam hwɛ anafoɔ no: Ɛfiri Tamar kɔ Meribat-kades nsuo a ɛnam Misraim subonhwa no ano kɔduru ɛpo kɛseɛ no ano; na ɛne ɛhyeɛ a ɛhwɛ nifa, anafoɔ fam no.


na Gad hyeɛ a ɛwɔ anafoɔ fam a ɛkyerɛ nifa no so hyeɛ no mfiri Tamar mfa ɔham nsuo a ɛwɔ Kades ne Misraim subonhwa no nkɔsi Ɛpo Kɛseɛ no ano.


Na atɔeɛ fam hyeɛ no deɛ, ɛpo kɛseɛ a ɛda hɔ ma mo no na ɛnyɛ ɛhyeɛ; ɛno na ɛnyɛ mo atɔeɛ fam hyeɛ.


Na ɔsee wɔn sɛ: Mommɛdi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifoɔ.


Na Yesu see wɔn sɛ: Mommɛdi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifoɔ.


ne Nibsan ne Nkyene Kuro no ne En-gedi: Nkuro nsia ne ɛho nkuraa.


Monhwɛ, mede ntonto makyɛ amanaman a aka yi ne amanaman a matwitwa aguo no nyinaa mu ama mo, sɛ mo mmusuakuo nni so; ɛfiri Yordan ano kɔduru ɛpo kɛseɛ no ho awia tɔbea.


Na Dawid firi hɔ foro kɔtenaa En-gedi bepɔ so atenaeɛ mu.


Na Saulo sane firii Filistifoɔ akyi baeɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Dawid wɔ En-gedi serɛ so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios