Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 44:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛnna ɔde me faa atifi fam ponkɛseɛ no kwan so de me baa asɔredan no anim, na mehwɛe, na hwɛ, na AWURADE animuonyam no ahyɛ AWURADE dan no ma, na mehwee fam de m’anim butui.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Ɛnna ɔde me faa atifi fam ponkɛseɛ no kwan so de me baa asɔredan no anim, na mehwɛe, na hwɛ, na AWURADE animuonyam no ahyɛ AWURADE dan no ma, na mehwee fam de m’anim butui.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Afei ɔbarima no de me faa atifi fam abɔntenpon no mu de me baa asɔredan no anim. Mehwɛe, na mihuu Awurade anuonyam sɛ ahyɛ Awurade asɔredan no ma, na mibutuw hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Afei, ɔbarima no de me faa atifi fam abɔntenpono no mu de me baa asɔredan no anim. Mehwɛeɛ na mehunuu Awurade animuonyam sɛ ahyɛ Awurade asɔredan no ma, na mebutuu hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Ɛnna ɔde me faa atifi fam ponkɛse no kwan so de me baa ɔdan no anim, na mehwɛe, na hwɛ, AWURADE anuonyam no ahyɛ AWURADE dan no ma, na mehwee fam mede m’anim mibutuwii.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 44:4
18 Referencias Cruzadas  

Na Abram daa hɔ de n’anim butuu fam; na Onyankopɔn ne no kasaa sɛ:


Onyankopɔn a ne ho yɛ hu, akronkronfoɔ dwabɔ kɛseɛ no mu, na wɔsuro no sene wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.


Sɛdeɛ nyankontɔn a ɛwɔ mununkum mu osutɔ da teɛ no, saa ara na hyerɛn a ɛtwa ho hyia no teɛ. Ɛno ne AWURADE animuonyam hwɛbea no tebea. Na mehunuiɛ no, mehwee ase de m’anim butuu fam, na metee ɛnne a ɛrekasa.


Ɛnna AWURADE animuonyam no maa ne ho so firii Kerub no so kɔɔ ɛdan no aponnwa atifi, na mununkum no hyɛɛ ɛdan no ma, na AWURADE animuonyam hyerɛn hyɛɛ abannwa no so ma.


Ɛnna mesɔre firi kɔɔ bonhwa no mu, na hwɛ, na AWURADE animuonyam no gyina hɔ sɛ animuonyam a mehunuu no Asuo Kebar ho no; na mede m’anim butuu fam.


Na ɛpokɛseɛ a ani hwɛ atifi fam, ɛho fam abannwa no ho no, ɔsusuu ne ntwemu ne ne trɛ


Ɛnna ɔde me kɔɔ atifi fam ponkɛseɛ no ano, na ɔsusuu sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ,


Na ntwonoo no akyi nkyɛn mu, a ɛda deɛ wɔreforo kɔ ɛpono kɛseɛ no ano no atifi fam hɔ, apono mmienu sisi hɔ, na ɛpono kɛseɛ no ntwonoo no nkyɛn mu ha nso, apono mmienu nso sisi hɔ.


Ɛnna ɔde me baa AWURADE fie ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam no ano, na hwɛ, ɛhɔ na na mmaa teteɛ resu Tamus.


Na ɔbaa deɛ megyina hɔ, na ɔbaeɛ no, mesuroe, na mede m’anim butuu fam. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: O onipa ba, te aseɛ, na adehunu no fa awieeɛ berɛ ho.


na mɛwoso amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa de w’agyapadeɛ bɛba, na mede animuonyam bɛhyɛ efie yi ma, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na AWURADE a mohwehwɛ no, aane apam bɔfoɔ a mopɛ no no bɛba n’asɔrefie; hwɛ, ɔreba, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na mehunuu no no, mehwee ne nan ase sɛ owufoɔ, na ɔde ne nsa nifa too me so ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, mene ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios