Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 44:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Ɔberempɔn no nko, ɔberempɔn a ɔyɛ nti na ɔbɛtena mu adidie, AWURADE anim. Ɔbɛfa ɛpono kɛseɛ no ntwonoo kwan so ahyɛne mu, na wafa ɔkwan no so afiri adi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Ɔberempɔn no nko, ɔberempɔn a ɔyɛ nti na ɔbɛtena mu adidie, AWURADE anim. Ɔbɛfa ɛpono kɛseɛ no ntwonoo kwan so ahyɛne mu, na wafa ɔkwan no so afiri adi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔhene no ankasa nko ara na obetumi atena abɔntenpon no ano na wadidi wɔ Awurade anim. Ɔno na otumi fa abɔntenpon no ntwironoo mu hyɛn mu, na ɔfa hɔ ara fi adi.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔhene no ankasa nko ara na ɔbɛtumi atena abɔntenpono no ano na wadidi wɔ Awurade anim. Ɔno na ɔtumi fa abɔntenpono no ntwonoo mu hyɛne mu, na ɔfa hɔ ara firi adi.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Ɔberɛmpɔn no nko na ɔberɛmpɔn a ɔyɛ nti ɔbɛtena mu adidi, AWURADE anim; ɔbɛfa ɔponkɛse no ntwironoa kwan so ahyɛn mu, na wafa ɔkwan no so afi adi.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 44:3
18 Referencias Cruzadas  

Na Yakob bɔɔ afɔdeɛ wɔ bepɔ no so, na ɔfrɛɛ ne nkurɔfoɔ sɛ wɔmmɛdidi; na wɔdidii na wɔtenaa bepɔ no so anadwo no.


Na ɔkwan a wɔakata soɔ a wɔfa so homeda a wɔyɛɛ no efie no mu, ne ɔhene mfikyikwan no, Asiriahene nti ɔyi kɔtoo AWURADE fie.


na ɔbɛhunui, na hwɛ, na ɔhene no gyina n’agyinaeɛ aboboano, asafohene ne ntotorobɛnto no wɔ ɔhene no nkyɛn, na asase no so nkurɔfoɔ nyinaa ani agye, na wɔrehyenhyɛne ntotorobɛnto, na nnwontofoɔ no de nsankuo bɔɔ ayeyie nnwom. Ɛnna Atalia sunsuanee n’atadeɛ mu, na ɔkaa sɛ: Atirisopam, atirisopam!


Na ɔhene no kɔgyinaa ne gyinabea, na ɔyɛɛ apam AWURADE anim sɛ ɔbɛdi AWURADE akyi, na wahwɛ ne mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛdeɛ ayɛ afiri n’akoma nyinaa ne ne kra nyinaa mu, na wadi apam nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma no mu no so.


Na n’adwadeɛ ne n’apaadeɛ bɛyɛ kronkron ama AWURADE; wɔremfa mmɔ dwetire, na wɔremfa nsie; na n’adwadeɛ bɛyɛ wɔn a wɔte AWURADE anim no deɛ, na wɔadi amee, na wɔafira ntoma pa.


Na wɔn a wɔboa ano na wɔbɛdi ayi AWURADE ayɛ, na wɔn a wɔde ba efie no bɛnom, wɔ me kronkronbea abannwa so.


na me AWURADE, mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, na m’akoa Dawid ayɛ wɔn mu berempɔn; me, AWURADE, na maka.


na wɔatena asase a mede memaa m’akoa Yakob a mo agyanom tenaa soɔ no so, wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma akɔsi daa, na m’akoa Dawid bɛyɛ wɔn ɔberempɔn akɔsi daa.


na ɔsusuu ntwonoo no basafa nnan ne n’adum no, basafa baako, na ntwonoo no kyerɛ efie no mu.


Na sɛ ɔberempɔn no rebɛbɔ ayamyi hyeɛ afɔdeɛ anaa ayamyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE a, ɛnneɛ wɔnhini no ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no, na ɔmmɔ ne hyeɛ afɔdeɛ ne n’asomdwoeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ ɔyɛ no homeda no, na ɔmfiri adi; na n’adifire akyiri no, wɔnto ɛpono kɛseɛ no mu.


Na ɔberempɔn no mfiri akyire, mfa ntwonoo kwan pono so mmɛgyina ɛpono kɛseɛ no aponnwa ho; na asɔfoɔ no mmɔ ne hyeɛ afɔdeɛ ne n’asomdwoeɛ afɔdeɛ, na ɔnkoto nsɔre, ɛpono kɛseɛ no aponnwa ho, na ɔmfiri adi, na ɛpono kɛseɛ no deɛ, wɔnnto mu kɔsi anwummerɛ.


na ɛhɔ na monnidi AWURADE mo Nyankopɔn anim, na mo ne mo afie ani nnye ade a mode mo nsa ka a AWURADE wo Nyankopɔn de ahyira woɔ no mu nyinaa.


Hwɛ, megyina ɛpono ano na mebɔ mu. Sɛ obi bɛtie me nne na wahini ɛpono no a, mɛhyɛne mu maba ne nkyɛn, na me ne no abɛdidi, na ɔne me nso adidi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios