Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 43:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na adeɛ a mehunuiɛ no su te sɛ adeɛ a mehunuiɛ berɛ a ɔba bɛsɛee kuro no; na ɛyɛ anisoadehunu a ɛte sɛ adeɛ a mehunuu no Asuo Kebar ho no; na mede m’anim butuu fam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na adeɛ a mehunuiɛ no su te sɛ adeɛ a mehunuiɛ berɛ a ɔba bɛsɛee kuro no; na ɛyɛ anisoadehunu a ɛte sɛ adeɛ a mehunuu no Asuo Kebar ho no; na mede m’anim butuu fam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Anisoadehu a minyaa no te sɛnea minyaa no bere a ɔba bɛsɛee kuropɔn no ne nea minyaa wɔ Asubɔnten Kebar ho no, na mede mʼanim butuw fam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Anisoadehunu a menyaeɛ no te sɛ deɛ menyaa no ɛberɛ a ɔba bɛsɛee kuropɔn no ne deɛ menyaa wɔ Asubɔnten Kebar ho no, na mede mʼanim butuu fam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na ade a mihui no su te sɛ ade a mihui a mebae mebɛsɛee kurow no; na ɛyɛ adehu a ɛte sɛ ade a mihui asu Kebar ho no; na mede m’anim mibutuw fam.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 43:3
13 Referencias Cruzadas  

Hwɛ, ɛnnɛ da yi mede wo asi amanaman ne ahennie ahodoɔ so, na woatutu na woabubu, na woasɛe na woabutu, na woasi na woatɛ nso.


Ɛnna mesɔre firi kɔɔ bonhwa no mu, na hwɛ, na AWURADE animuonyam no gyina hɔ sɛ animuonyam a mehunuu no Asuo Kebar ho no; na mede m’anim butuu fam.


Onipa ba, twa Misraim asafo yuu so adwo, na ma wɔne amanaman atumfoɔ mmammaa nsiane nkɔ famfam asase so nka wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no ho.


Ɛnna ɔde me faa atifi fam ponkɛseɛ no kwan so de me baa asɔredan no anim, na mehwɛe, na hwɛ, na AWURADE animuonyam no ahyɛ AWURADE dan no ma, na mehwee fam de m’anim butui.


Na hwɛ, na Israel Nyankopɔn animuonyam wɔ hɔ sɛ adeɛ a mehunuu no bonhwa no mu no.


Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu guu m’aso mu sɛ: Ma kuro no so ahwɛfoɔ ntwe mpini, na obiara mfa n’akodeɛ a ɔde sɛe adeɛ nkura ne nsam.


Enti me nso m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; mede wɔn kwan bɛbua wɔn atifi.


Na Israel Nyankopɔn animuonyam no firii Kerub a ɛwɔ soɔ no so baa ɛdan no pono ano, na ɔfrɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ a ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene no,


Na wɔn a aka no, ɔka guu m’aso mu sɛ: Monkɔdi n’akyi mfa kuro no mu, na monkunkum; mommma mo ani nnnodo ho, na monnhunu mmɔbɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios