Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 43:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Ɛnna ɔde me baa ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ kwan soɔ no ano.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Ɛnna ɔde me baa ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ kwan soɔ no ano.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Na ɔbarima no de me baa apuei fam pon no ano,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Na ɔbarima no de me baa apueeɛ fam ɛpono no ano,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Ɛnna ɔde me baa ɔponkɛse a ɛkyerɛ apuei kwan so no ano.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 43:1
7 Referencias Cruzadas  

Na Kerubim no memaa wɔn ntaban so, na wɔmemaa wɔn ho so firii asase so, m’anim, sɛ wɔrefiri adi, na nkyimiiɛ no wowɔ wɔn nkyɛn mu; na wɔkɔgyinaa AWURADE fie apueeɛ fam ponkɛseɛ no ano, na Israel Nyankopɔn animuonyam no wɔ wɔn atifi wɔ soro.


Ɛnna ɔbaa ɛpono kɛseɛ a ani kyerɛ apueeɛ fam kwan soɔ no ho, na ɔforoo ne ntwedeɛ no, na ɔsusuu ɛpono kɛseɛ no ano, ɛpono ase a ne trɛ yɛ demmire baako, ɛne ɛpono ase baako a ne trɛ yɛ demmire baako.


Na ɔwiee dan a ɛwɔ mu no susuo no, ɔde me firii adi faa ɛpono kɛseɛ a ani hwɛ apueeɛ fam no kwan so, na ɔsusu hyiaa twan,


Na AWURADE animuonyam no baa efie hɔ ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ fam no kwan so.


Ɛnna ɔde me faa kronkronbea no anim ponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no kwan soɔ, na ɛno deɛ, na wɔato mu.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɛpono kɛseɛ yi, wɔato mu ara, wɔrenhini, na obi remfa mu mma mu, ɛfiri sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn afa mu aba mu nti, wɔato mu ara.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Abannwa ponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no, wɔnto mu adwumayɛ nna nsia no nyinaa, na homeda no deɛ, wɔnhini, na bosome foforɔ da no nso, wɔnhini.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios