Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 4:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Ɛnna mese: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, me kra ho nkumii, na adeɛ a atɔ anaasɛ wɔtete mu nso, mennii bi da, de firi me mmɔfraase bɛduru sɛsɛɛ, nanso ɛnam a wɔkyire bi nkaa m’ano da.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Ɛnna mese: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, me kra ho nkumii, na adeɛ a atɔ anaasɛ wɔtete mu nso, mennii bi da, de firi me mmɔfraase bɛduru sɛsɛɛ, nanso ɛnam a wɔkyire bi nkaa m’ano da.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Na mekae se, “Ɛnte saa, Otumfo Awurade! Minguu me ho fi da. Efi me mmofraase besi saa bere yi, minnii aboa funu anaa nea nkekaboa bi akum no atetew ne mu da. Nam a ɛho agu fi nkaa mʼano da.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Na mekaa sɛ, “Ɛnte saa, Otumfoɔ Awurade! Menguu me ho fi da. Ɛfiri me mmɔfraase bɛsi saa ɛberɛ yi, mennii aboa funu anaa deɛ nkekaboa bi akum no atete ne mu da. Ɛnam a ɛho agu fi nkaa mʼano da.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Ɛnna mise: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, me kra ho nkumii ɛ, na ade a atɔ anaasɛ wɔatetew mu nso, minnii bi da, fi me mmofraase bedu sesɛɛ, nanso nam a wokyi bi nkɔɔ m’anom pɛn ɛ.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 4:14
17 Referencias Cruzadas  

Saa ara na yɛ w’anantwie ne wo nnwan; nnanson na ɔne ne na ntena, da a ɛtɔ so nwɔtwe no, fa no brɛ me.


Na monyɛ nnipa kronkron mma me, na monnni nam bi a wɔatete mu wɔ wiram; monto ntwene mma akraman.


wɔtenatena adamena mu, deda nkokoam anadwo, wɔdi prakonam, na akyiwadeɛ nkwan wɔ wɔn nkwansɛn mu.


Wɔn a wɔte wɔn ho dwira wɔn ho kɔ nturo mu, na wɔdi ɔbaakofoɔ a ɔdi mfimfini akyire, na wɔdi prakonam ne akyiwadeɛ ne nkura no, wɔbɛbom awie sa, AWURADE asɛm nie.


Ɛnna mekaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn! Nokorɛ, mennim kasa, ɛfiri sɛ meyɛ abɔfra.


Ɛnna mekaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, wɔn deɛ, wɔka no ne me ho sɛ: Ɛnyɛ mmɛ na ɔrebubuo yi?


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mede nantwie bini masi onipa sɛbeɛ ananmu ama wo, na woato wo paanoo wɔ so.


Abɔfono biara ne deɛ wɔatete ne mu, nnomaa ne mmoa mu no, asɔfoɔ nnni.


Na wɔkunkumm no, ɛkaa me nko ara. Na mede m’anim butuu fam, na meteaa mu sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, woresɛe Israel nkaeɛ nyinaa wɔ w’abufuhyeɛ a worehwie agu Yerusalem soɔ no mu anaa?


Na Daniel bɔɔ ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuane ne nsa a ɔnom no ngu ne ho fi, enti ɔsrɛɛ apiafohene no, na wangu ne ho fi.


Na obiara a ɔdi deɛ wawuo anaasɛ deɛ wɔatete no, kuromani oo, ɔhɔhoɔ oo, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ ansa na ne ho ate;


Na sɛ wɔdi no da a ɛtɔ so mmiɛnsa no a, ɛyɛ akyiwadeɛ, ɛnsɔ ani;


Aboa funu anaa deɛ wɔatete ne mu no, ɔnnni mmfa nngu ne ho fi: Mene AWURADE.


Na Petro se: Dabi da, Awurade, ɛfiri sɛ mennii biribi a wɔkyire anaasɛ ɛho nteɛ da.


Monnni aboa funu; fa ma ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo kuro apono mu ma no nni anaasɛ tɔn ma ɔnanani, ɛfiri sɛ woyɛ ɔman kronkron ma AWURADE wo Nyankopɔn. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu.


Nni akyiwadeɛ biara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios