Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 39:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Ɛnna Israel nkuro mufoɔ bɛfiri adi akɔto akodeɛ no mu gya ahyeɛ, akyɛm nkumaa ne akyɛm akɛseɛ, tadua ne agyan ne mporibaa ne mpea, na wɔde ayɛ nnyina asɔ mfeɛ nson;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Ɛnna Israel nkuro mufoɔ bɛfiri adi akɔto akodeɛ no mu gya ahyeɛ, akyɛm nkumaa ne akyɛm akɛseɛ, tadua ne agyan ne mporibaa ne mpea, na wɔde ayɛ nnyina asɔ mfeɛ nson;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “ ‘Afei wɔn a wɔtete Israel nkurow so befi adi na wɔde akode no bɛsɔ gya, akokyɛm nketewa ne akɛse, bɛmma ne agyan, nkontimmaa ne mpeaw. Wɔde bɛyɛ nnyina asɔ gya mfe ason.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “ ‘Afei wɔn a wɔtete Israel nkuro soɔ bɛfiri adi na wɔde akodeɛ no bɛsɔ ogya, akokyɛm nketewa ne akɛseɛ, tadua ne agyan, mporibaa ne mpea. Wɔde bɛyɛ anyina asɔ ogya mfeɛ nson.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Ɛnna Israel nkurow mufo befifi adi akɔto akode no mu gya ahyew, akyɛm nkumaa ne akyɛm akɛse, ta ne agyan ne mporibaa ne mpeaw, na wɔde ayɛ nnyina asɔ mfe asɔn;

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 39:9
8 Referencias Cruzadas  

Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano, ɔbubu tadua mu na ɔtwitwa pea mu asinasini, ɔde ogya hye nteaseɛnam.


Na wɔbɛfiri adi akɔhwɛ nnipa a wɔato me mmara no afunu a wɔn mu mmoaa renwu da, na wɔn gya nso rennum da; na wɔbɛyɛ akyiwadeɛ ama honam nyinaa.


na wɔrenkɔ wiram anyina, na wɔrentwa bi mfiri kwaeɛ mu, na akodeɛ no na wɔbɛsɔ; na wɔbɛfom wɔn a wɔfomm wɔn, na wɔafom afa wɔn a wɔfomm wɔn faeɛ no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Hwɛ, ɛreba na wɔbɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ɛno ara ne da a maka ho asɛm no.


Na mɛtwitwa nteaseɛnam afiri Efraim, ne apɔnkɔ nso afiri Yerusalem, na wɔatwa akodie tadua nso; na ɔbɛka ɔmannwoeɛsɛm akyerɛ amanaman, na n’ahennie bɛfiri ɛpo so akɔ ɛpo so, na afiri asuo ano akɔsi asase awieeɛ.


Na mo ani bɛhunu, na mo deɛ, mobɛka sɛ: AWURADE kɛseyɛ tra Israel hyeɛ no so.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn na ɔkyena sɛsɛɛ berɛ yi mu, me na mɛma woaku wɔn nyinaa Israel anim. Wɔn apɔnkɔ no, twitwa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, fa ogya hye.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios