Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 39:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɛda no, mɛma Gog baabi wɔ Israel a ɛbɛyɛ n’asieeɛ. Ɛwɔ akwantemfoɔ bonhwa a ɛwɔ ɛpo no anim fam, na ɛbɛsi akwantemfoɔ kwan, na ɛhɔ na wɔbɛsie Gog ne n’asafo yuu no nyinaa, na wɔafrɛ hɔ sɛ: Gog asafo yuu no bonhwa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na ɛda no, mɛma Gog baabi wɔ Israel a ɛbɛyɛ n’asieeɛ. Ɛwɔ akwantemfoɔ bonhwa a ɛwɔ ɛpo no anim fam, na ɛbɛsi akwantemfoɔ kwan, na ɛhɔ na wɔbɛsie Gog ne n’asafo yuu no nyinaa, na wɔafrɛ hɔ sɛ: Gog asafo yuu no bonhwa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “ ‘Saa da no, mɛyɛ amusiei wɔ Israel ama Gog, wɔ obon a ɛda baabi a wɔn a wotu kwan kɔ apuei fam wɔ po no ho no fa no. Ebesiw akwantufo kwan efisɛ wobesie Gog ne ne dɔm no wɔ hɔ. Ɛno nti wɔbɛfrɛ hɔ se Hamon Gog bon.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “ ‘Saa ɛda no, mɛyɛ amusieeɛ wɔ Israel ama Gog, wɔ bɔnhwa a ɛda baabi a wɔn a wɔtu ɛkwan kɔ apueeɛ fam wɔ ɛpo no ho fa. Ɛbɛsi akwantufoɔ ɛkwan ɛfiri sɛ Gog ne ne nipadɔm no, wɔbɛsie wɔn wɔ hɔ. Ɛno enti wɔbɛfrɛ hɔ sɛ Hamon Gog bɔnhwa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na ɛda no, mɛma Gog afa bi wɔ hɔ a ɛbɛyɛ no asiei Israel mu, akwantemfo bon a ɛwɔ ɛpo no anim fam no, na ebesiw akwantemfo kwan, na ɛhɔ na wobesie Gog ne n’asafo yuu no nyinaa, na wɔafrɛ hɔ sɛ: Gog asafo yuu no bon.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 39:11
10 Referencias Cruzadas  

Na wɔboaboaa wɔn ano akuakuo, na asase no so bɔnee.


Onipa ba, fa w’ani si Gog so, Magog asase so, Mesek ne Tubal berempɔn no, na hyɛ nkɔm tia no,


na wɔrenkɔ wiram anyina, na wɔrentwa bi mfiri kwaeɛ mu, na akodeɛ no na wɔbɛsɔ; na wɔbɛfom wɔn a wɔfomm wɔn, na wɔafom afa wɔn a wɔfomm wɔn faeɛ no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na Israel fie bɛsie wɔn sɛ wɔde redwira asase no abosome nson.


Na anantefoɔ no kyini asase no so, na wɔn mu bi hunu onipa dompe a, ɔbɛhyɛ hɔ agyiraeɛ de akɔsi sɛ asiefoɔ no bɛba abɛsie no, Gog asafo yuu bonhwa no mu.


Na ɛhyeɛ a ɛda apueeɛ fam ne Yordan a ɛwɔ Hauran ne Damasko ne Gilead ɛne Israel asase ntam no, monsusu mfiri ɛhyeɛ no so nkɔ apueeɛ po no ano; na ɛne ɛhyeɛ a ɛdi apueeɛ fam no.


Na wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Kibrot-hataawa, ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔsiee ɔman a adeɛ yɛɛ wɔn akɔnnɔ no.


na ɛhyeɛ no mfiri Sefam nsiane nkɔ Ribla, Ain apueeɛ, na ɛhyeɛ no nsiane ara nkɔpem Kineret Po no nsunoa, apueeɛ;


Na ɛbaa sɛ nkurɔfokuo no kyeree ne so sɛ wɔrebɛtie Nyankopɔn asɛm no, na ɔgyina Genesaret tadeɛ no ho;


Yeinom akyiri no, Yesu sii mu kɔɔ Galilea po a ɛne Tiberia po no agya.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios