Hesekiel 34:4 - New Revised Asante Twi Bible4 Wɔn a wɔahodwo no, monhyɛ wɔn den, na ayarefoɔ nso, monsa wɔn yadeɛ; deɛ wabubuo no, monkyekyere no, deɛ wɔapam no no, monkɔfa no mma, na deɛ wayera no, monhwehwɛ no, na mmom ɔhyɛ ne atirimuɔden na mode di wɔn soɔ. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron4 Wɔn a wɔahodwo no, monhyɛ wɔn den, na ayarefoɔ nso, monsa wɔn yadeɛ; deɛ wabubuo no, monkyekyere no, deɛ wɔapam no no, monkɔfa no mma, na deɛ wayera no, monhwehwɛ no, na mmom ɔhyɛ ne atirimuɔden na mode di wɔn soɔ. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm4 Monhyɛɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛw no den, nsaa ayarefo yare na monkyekyeree apirafo akuru. Momfaa wɔn a wɔabɔ ko mmae, na monhwehwɛɛ wɔn a wɔayera. Mode ɔhyɛ ne atirimɔden na ahwɛ wɔn so. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm4 Monhyɛɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛ no den, nsaa ayarefoɔ yadeɛ na monkyekyeree apirafoɔ akuro. Momfaa wɔn a wɔabɔ ko mmaeɛ na monhwehwɛɛ wɔn a wɔayera. Mode ɔhyɛ ne atirimuɔden na ahwɛ wɔn so. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON4 Wɔn a wɔagurow no, monhyɛ wɔn den, na ayarefo nso, monsa wɔn yare; nea wabubu no, monkyekyere no, nea wɔapam no no, monkɔfa no mma, na nea wayera no, monhwehwɛ no, na mmom ɔhyɛ ne atirimɔden na mode di wɔn so. Ver Capítulo |