Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 32:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 na mɛto wo atwene fam, na mato wo atwene ɛserɛ so, na mama ewiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so, na mama asase nyinaa so mmoadoma adi wo nam amee.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 na mɛto wo atwene fam, na mato wo atwene ɛserɛ so, na mama ewiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so, na mama asase nyinaa so mmoadoma adi wo nam amee.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Mɛtow wo akyene asase no so na mahiri wo ato sare so. Mɛma wim nnomaa nyinaa abesisi wo so na asase so mmoa nyinaa adi wo nam afrɛ so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Mɛto wo atwene asase no so na mahuri wo ato ɛserɛ so. Mɛma ewiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so na asase so mmoa nyinaa adi wo nam ɔherɛ so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 na mɛtow wo akyene fam, na matow wo agu sare ani, na mama wim nnomaa nyinaa abesisi wo so, na mama asase nyinaa so mmoadoma adi wo amee.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 32:4
19 Referencias Cruzadas  

Wɔde wɔn bɛto afena ano, wɔbɛyɛ sakraman deɛ.


Wopɛkyɛɛ dɛnkyɛmmirampɔn ti, wode no yɛɛ ɛserɛ sofoɔ aduane.


na wo deɛ, wɔato wo afiri wo damena mu atwene sɛ duban a wɔapoɔ; sɛ atɔfoɔ a afena ahwire wɔn mu na wɔasiane kɔ aboɔ Amena mu no aduradeɛ, sɛ efunu a wɔatiatia ne soɔ.


wɔbɛgya ne nyinaa hɔ ama mmepɔ so nnomaa ne asase so mmoa, na nnomaa bɛdi ahuhuroberɛ wɔ so, na asase so mmoa nyinaa adi so awɔberɛ.


Na wɔbɛfiri adi akɔhwɛ nnipa a wɔato me mmara no afunu a wɔn mu mmoaa renwu da, na wɔn gya nso rennum da; na wɔbɛyɛ akyiwadeɛ ama honam nyinaa.


Na da no na AWURADE bɛma atɔfoɔ adeda hɔ afiri asase ano akɔsi asase ano, wɔrenyɛ wɔn ayie, na wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn; wɔbɛyeyɛ sumina asase ani.


na wɔahata wɔn owia ne ɔsrane ne ɔsoro asafo nyinaa a wɔdɔɔ wɔn, na wɔsomm wɔn, na wɔdii akyire na wɔpɛɛ akyiri kwan na wɔsɔree wɔn no anim. Wɔremmoa ano, na wɔrenkora, ɛbɛyɛ sumina wɔ asase ani.


Na mɛto wo atwene ɛserɛ so, wo ne w’asubɔnten mu mpataa nyinaa. Ɛserɛ petee so na wobɛtɔ, wɔrentase wo, na wɔremmoa wo ano; asase so mmoa ne ewiem nnomaa na mede wo bɛyɛ wɔn aduane.


na mede atɔfoɔ ahyɛ ne mmepɔ ma ma; wo nkokoɔ so ne wo mmonhwa mu ne wo nsubɔnhwa nyinaa mu na nkrantɛ ano atɔfoɔ bɛguguo.


Misraim bɛdane amamfo, na Edom adane nkyɛkyerɛ afo, ɛsiane Yuda mma so atirimuɔdenbɔ no nti, ɛfiri sɛ wɔahwie mogya a ɛdi bem agu, wɔn asase so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios