Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 30:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na nkrantɛ bɛba Misraim so, na nketenkete akuta Etiopia, ɛberɛ a apirafoɔ retotɔ Misraim na wɔrefa emu asafo yuu akorɔ na wɔredwiri ne nnyinasoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na nkrantɛ bɛba Misraim so, na nketenkete akuta Etiopia, ɛberɛ a apirafoɔ retotɔ Misraim na wɔrefa emu asafo yuu akorɔ na wɔredwiri ne nnyinasoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Afoa bi bɛsɔre atia Misraim, na ahoyeraw bɛba Kus so. Sɛ apirafo totɔ wɔ Misraim a wɔbɛsoa nʼahonyade akɔ na wɔabubu ne fapem agu fam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Akofena bi bɛba abɛtia Misraim, na ahoyera bɛba Kus so. Sɛ apirafoɔ totɔ wɔ Misraim a wɔbɛsoa nʼahonyadeɛ akɔ na wɔabubu ne fapem agu fam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na nkrante bɛba Misraim so, na nketenkete akita Etiopia, ɛbere a apirafo retotɔ Misraim na wɔrefa emu asafo yuu akɔ na wɔredwiriw ne nnyinaso no.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 30:4
19 Referencias Cruzadas  

Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede Misraim asase merema Babelhene Nebukadnessar, na wasoa n’asafo yuu akɔ, na wafa n’asadeɛ, na wafom n’afomfadeɛ afa, na ayɛ ne dɔm no akatua;


Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede nkrantɛ mereba wo so, na matwitwa wo mu nnipa ne mmoa,


Na mɛyɛ Misraim asase pasaa, nsase a ayɛ pasaa mu, na ne nkuro ada mpan wɔ nkuro afoafo mu, mfirinhyia aduanan, na mɛbɔ Misraim apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsase so.


Mommɔ ne so ose nhyia. Ɔde ne ho ama, ne nnyinasoɔ ahwehwe ase, n’afasuo adwiri, na AWURADE aweretɔ ne no. Montɔ mo were ne so, monyɛ no sɛdeɛ ɔyɛeɛ no.


Na mɛhwanyan Misraim atia Misraim, na wɔne wɔn ho akoko, onua ne onua, adamfo ne adamfo, kuro ne kuro, ahennie ne ahennie.


Enti ma Moab ntwa adwo, ma wɔn nyinaa ntwa Moab ho adwo, Kir-Hareset bobe aba taterɛ ho na mobɛtwa adwo koraa.


Aa, asase a wɔte ntaban nnyegyeɛ wɔ soɔ, a ɛwɔ Etiopia nsubɔntene agya nohoa.


Persia, Etiopia ne Put ka wɔn ho, wɔn nyinaa wowɔ ɛkyɛm ne dadeɛ kyɛ;


na ɔbɛnya sika ne dwetɛ akoradeɛ ne Misraim afɛfɛdeɛ nyinaa adi so, na Libiafoɔ ne Etiopiafoɔ bɛdi n’anammɔn akyi.


Mo, Etiopiafoɔ, nso, m’afena ano na mobɛtotɔ.


Na AWURADE kaa sɛ: Sɛdeɛ m’akoa Yesaia nam adagya ne nammɔnhunu, na wayɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ mfeɛ mmiɛnsa Misraim ne Etiopia ho yi,


Montenatena apɔnkɔ so, na nteaseɛnam ntu yirididi na nnɔmmarima no mfiri adi, Etiopia ne Put, akyɛmkurafoɔ no ne Lidiafoɔ a wɔkura tadua pono mu no.


Na merema owuyadeɛ aba ne mu na mogya agu ne mmorɔno so, na apirafoɔ atotɔ ne mu, nkrantɛ a ɛfiri mmaa nyinaa bɛba ne soɔ no ano, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios