Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 30:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Montwa agyaadwoɔ! Ao, ɛda no!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Montwa agyaadwoɔ! Ao, ɛda no!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: “ ‘Twa adwo na ka se, “Ao da no!”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Twa adwo na ka sɛ, “Ao ɛda no!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mommɔ abubuw! Ao, ɛda no!

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 30:2
17 Referencias Cruzadas  

Montwa adwo, na AWURADE da no abɛn; ɛreba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ no.


O, Kuro pono, twa adwo; kurokɛseɛ, team ɛ; O wo, Filistia nyinaa, ma w’akoma ntu; ɛfiri sɛ wisie firi atifi fam aba, na n’asafo mu biara nka akyire.


wɔreforo akɔ Bayit ne Dibon sorɔnsorɔmmea akɔsu, Moab retwa adwo, Nebo ne Medeba; wɔn nyinaa abobɔ tikwa, wɔn nyinaa ayiyi wɔn bɔgyesɛ;


Enti ma Moab ntwa adwo, ma wɔn nyinaa ntwa Moab ho adwo, Kir-Hareset bobe aba taterɛ ho na mobɛtwa adwo koraa.


Tiro ho atemmusɛm. O, mo Tarsis ahyɛn, montwa adwo, ɛfiri sɛ wɔasɛe no a efie nni hɔ bio, obi nkɔ hɔ bio! Ɛfiri Kipro asase so na wɔyi kyerɛ wɔn.


Montwa nkɔ Tarsis, mo mpoanofoɔ, montwa adwo.


hwɛ, me nkoa de akoma pa bɛto ahurisie dwom, na mo deɛ, mode akoma mu yea bɛteam, na mode honhom a abubuo asu yɔɔ.


Yei nti momfira ayitoma, montwa agyaadwo na mommɔ bena denden, ɛfiri sɛ AWURADE abufuhyeɛ no nnane mfirii yɛn so!


Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, nsuo rema ne ho so afiri atifi fam na ayɛ asuo a ɛreyiri asram asase ne ne mayɛ, kuro no ne wɔn a wɔte mu no soɔ. Na nnipa bɛteateam, na asase no sofoɔ abɔ abubuo,


Onipa ba, su na twa adwo, sɛ ɛno bɛba me man so, ɛno bɛba Israel aberempɔn nyinaa so; wɔde wɔn ne me man ato hɔ ama nkrantɛ, enti hwe wo srɛ mu.


Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Akuafoɔ, mo ani nwu, O nturoyɛfoɔ, ayuo ne atokoɔ nti montwa adwo, ɛfiri sɛ mfuo mu aduanetwa asɛe.


Mo nsabofoɔ, monnyane na monsu, na mo nsanomfoɔ nyinaa, montwa adwo, nsamono nti, ɛfiri sɛ wɔatwa afiri mo anomu.


Montwa adwo, mo a mote Mortar no, ɛfiri sɛ wɔasɛe adwadifoɔ asafo no nyinaa, na wɔatwitwa wɔn a wɔasoa dwetɛ nyinaa.


Pepeaa, twa adwo, na tweneduro ahwe fam, ɛfiri sɛ akunini asɛe; Basan adum, montwa adwo, na kwaeɛ a ɛkorɔn abrɛ ase.


Na afei, mo adefoɔ e, mo amanehunu a ɛreba mo soɔ nti, monsu na mommɔ bena!


N’aninyanneɛ no suro nti wɔbɛgyinagyina akyiri aka sɛ: Due, due, kuro kɛseɛ Babel, kuro a ɛyɛ den, ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako mu na w’atemmuo aba.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios