Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 3:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na wo tɛkyerɛma nso, mɛma no afam wo dodo mu, na woatɔre mum, na woanyɛ wɔn ɔkasakyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ atuatefoɔ fie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Na wo tɛkyerɛma nso, mɛma no afam wo dodo mu, na woatɔre mum, na woanyɛ wɔn ɔkasakyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ atuatefoɔ fie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Na mɛma wo tɛkrɛma atare wʼanom sɛnea wobɛyɛ komm a worentumi nka wɔn anim, efisɛ wɔyɛ atuatewfo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Na mɛma wo tɛkrɛma atare wʼanomu sɛdeɛ wobɛmua wʼano a worentumi nka wɔn anim, ɛfiri sɛ wɔyɛ atuatefoɔ

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Na wo tɛkrɛma nso, mɛma afam wo dodo mu, na woatɔ mum, na woanyɛ wɔn ɔkasakyerɛfo, efisɛ wɔyɛ asowui fi.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 3:26
18 Referencias Cruzadas  

Ɛda no ara na wo ne deɛ wafiri mu afire no ano bɛbue, na wobɛkasa na worentɔre mum bio, na wobɛyɛ wɔn nsɛnkyerɛnneɛ na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Sɛ mankae wo a, ma me tɛkyerɛma mfam me dodom, sɛ mankae wo a, sɛ mammu Yerusalem ankyɛne m’anigyeɛ nyinaa a…!


AWURADE, bue m’ano fafa, na mede m’ano makyerɛ w’ayeyie.


Wɔtane deɛ ɔtenetene, kuro pono mu, na wɔkyiri deɛ ɔka nsɛm a ɛyɛ nokorɛ.


Efraim akɔdɔm abosom adum; gyaa no.


N’aponkɛseɛ amem fam, akyire adaban asɛe, na abubu. Ne hene ne ne mmapɔmma wɔ amanaman no mu, mmara no nni hɔ bio, n’adiyifoɔ nhunu AWURADE hɔ anisoadehunu.


Enti wo deɛ, bɔ w’abɔsoɔ; na sɔre ka deɛ mɛhyɛ woɔ nyinaa kyerɛ wɔn. Mma wo ho mmpopo wɔ wɔn anim, na mamma wo ho ampopo wɔ wɔn anim.


O ɔsoro, montie, O asase, yɛ aso, na AWURADE akasa: Mayɛne mma ama wɔanyini, na mama wɔn so, na wɔn deɛ, wɔabɔ me so ko.


Nso na AWURADE nsa aba me so anwummerɛ no, ansa na odwanefoɔ no reba. Ɔbaa me nkyɛn anɔpa no, na wabue m’ano, na mantɔre mum bio.


Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede m’anim mesii fam, na metɔree mum.


Nanso mma obi nnham na obi nnka anim, ɛfiri sɛ wo man te sɛ wɔn a wɔne ɔsɔfoɔ ham.


Onipa ba, wote atuatefoɔ fie, nnipa a wɔwɔ ani a wɔde hunu adeɛ nanso wɔnhunu, na wɔwɔ aso a wɔde teɛ nanso wɔnteɛ;


na atuatefoɔ fie ne wɔn. Na wo, onipa ba, yɛ otukorɔ adeɛ fa, na tu kɔ awia, wɔ wɔn anim, na tu firi wo tenabea kɔ baabi foforɔ, wɔn anim; ebia wɔbɛhunu; na asowuiɛ fie ne wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios