Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 3:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Nanso sɛ wobɔ ɔteneneeni kɔkɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔteneneeni bi renyɛ bɔne, na ɔno nso anyɛ bɔne a, nkwa na ɔbɛnya, ɛfiri sɛ watie kɔkɔbɔ, na wo nso woayi wo kra.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Nanso sɛ wobɔ ɔteneneeni kɔkɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔteneneeni bi renyɛ bɔne, na ɔno nso anyɛ bɔne a, nkwa na ɔbɛnya, ɛfiri sɛ watie kɔkɔbɔ, na wo nso woayi wo kra.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Nanso sɛ wobɔ ɔtreneeni no kɔkɔ sɛ onnyae bɔneyɛ na ogyae a, obenya nkwa efisɛ otiee kɔkɔbɔ, na wo nso wubegye wo ho nkwa.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Nanso sɛ wobɔ ɔteneneeni no kɔkɔ sɛ ɔnnyae bɔneyɛ na ɔgyae a, ɔbɛnya nkwa, ɛfiri sɛ ɔtiee kɔkɔbɔ, na wo nso wobɛgye wo ho nkwa.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Nanso sɛ wobɔ ɔtreneeni kɔkɔ, sɛnea ɛbɛyɛ na ɔtreneeni bi renyɛ bɔne, na ɔno nso anyɛ bɔne a, nkwa na obenya, efisɛ watie kɔkɔbɔ, na wo nso woagye wo kra.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 3:21
23 Referencias Cruzadas  

Wɔnam so bɔ w’akoa kɔkɔ, ɛsodie mu wɔ akatua pii.


Nkaanim hyɛne nhunumufoɔ mu kyɛne sɛ wɔbɔ ɔkwasea mmaa ɔha.


Tu onyansafoɔ fo, na ɔbɛkɔ so ahunu nyansa, ma ɔteneneeni nhunu de, na ɔbɛkɔ so n’adenim mu.


Na wo, sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ no kɔkɔ ne kwan ho, sɛ ɔnsane mfiri so, na wansane amfiri ne kwan no so a, ɔno deɛ, ɔbɛwu n’amumuyɛ mu, na wo nso woagye wo kra nkwa.


Enti monwɛn, monkae sɛ mfeɛ mmiɛnsa ni, anadwo ne awia, mennyaee mo mu biara afotuo wɔ nisuo mu da.


Enti deɛ ɛyɛ no sɛ ɔgyina hɔ no nhwɛ yie na wanhwe ase.


Mentwerɛ yei memmɛgu mo anim ase, na mmom mede rebɛtu mo fo sɛ me mma adɔfo.


Ɔno na yɛbɔ no dawuro, yɛkasa kyerɛ onipa biara, na yɛkyerɛkyerɛ ankorɛnkorɛ biara nyansa nyinaa mu, sɛ yɛde obiara bɛsi hɔ pɛpɛɛpɛ Kristo mu.


Afei yɛtu mo fo, anuanom, sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnam basabasa, monkyekyere wɔn a wɔn akoma atuo werɛ, monsɔ wɔn a wɔyɛ mmerɛ mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa.


Ma w’ani mmra wo ho ne nkyerɛkyerɛ no so na tena mu, ɛfiri sɛ woyɛ saa a, wobɛgye wo ho ne w’atiefoɔ nkwa.


Yeinom na fa tumi nyinaa ka, na tu ho foɔ, na yi ho atɛn. Mma obi mmmu wo animtia.


ma no nhunu sɛ, deɛ ɔdane ɔdebɔneyɛni firi ne mfomsoɔ kwan soɔ no, bɛgye ne kra afiri owuo mu, na wakata bɔne pii so.


Dodoɔ a medɔ wɔn no, meyi wɔn atɛn, na metwe wɔn aso. Enti bɔ mmɔden na sakyera w’adwene!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios