Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 27:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Basan adum na wɔde yɛɛ w’atabono, wɔyɛɛ no asonse mango a ɛhyehyɛ kwabɔhorɔ nnua a ɛfiri Kipro mpoano mu mu;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Basan adum na wɔde yɛɛ w’atabono, wɔyɛɛ no asonse mango a ɛhyehyɛ kwabɔhorɔ nnua a ɛfiri Kipro mpoano mu mu;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Odum nnua a efi Basan na wɔde yɛɛ wʼatabon; Kwabɔhɔre nnua a efi Kipro mpoano na wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛw so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Odum nnua a ɛfiri Basan na wɔde yɛɛ wʼatabono; Kwabɔhɔrɔ nnua a ɛfiri Kipro mpoano na wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛ so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Basan adum na wɔde yɛɛ w’atabon, wɔyɛe wɔ asonse mangoo a ɛhyehyɛ kwabɔhɔrɔ nnua a efi Kitim nsupɔw mu no mu.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 27:6
10 Referencias Cruzadas  

Na Yawan mma ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Dodanim.


na ɛbɛba Lebanon ntweneduro a ɛwareɛ na ɛkorɔn nyinaa ne Basan nnupɔn nyinaa so


Tiro ho atemmusɛm. O, mo Tarsis ahyɛn, montwa adwo, ɛfiri sɛ wɔasɛe no a efie nni hɔ bio, obi nkɔ hɔ bio! Ɛfiri Kipro asase so na wɔyi kyerɛ wɔn.


Na waka sɛ: Worenkɔ so nni ahurisie bio, O Sidon babaa a wɔabɔ wo adapaa. Kipro na sɔre twam korɔ, ɛhɔ nso worennya ɔhome.


Na montwam nkɔ Kiprofoɔ nsupɔ so nkɔhwɛ, na monsoma nkɔ Kedar nkɔpeepee mu yie, na monhwɛ sɛ adeɛ a ɛte sei aba hɔ pɛn anaa?


Foro kɔ Lebanon kɔsu, na ma wo nne so wɔ Basan, na team firi Abarim, ɛfiri sɛ wɔadwerɛ w’adɔfo nyinaa.


Na Kitifoɔ ahyɛn bɛba ne so; enti n’akoma bɛtu na wasane, na ne bo bɛhuru apam kronkron no, na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ, na wasane na n’ani aba wɔn a wɔgyaa apam kronkron no so.


Pepeaa, twa adwo, na tweneduro ahwe fam, ɛfiri sɛ akunini asɛe; Basan adum, montwa adwo, na kwaeɛ a ɛkorɔn abrɛ ase.


Na wɔdanee wɔn ho foro kɔɔ Basan kwan so. Na Basan hene Og firii adi bɛhyiaa wɔn, ɔno ne ne man nyinaa, sɛ wɔrebɛko wɔ Edrei.


Na ahyɛn bɛfiri Kitim fam aba, na wɔabɛbrɛ Asur ase abrɛ Eber ase; na ɔno ara nso, awie no ɔsɛeɛ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios