Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 27:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Senir pepeaa na wɔde pempam w’ahyɛn afasuo, Lebanon ntweneduro na wɔfa de yɛɛ w’ahyɛn mu nnua;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Senir pepeaa na wɔde pempam w’ahyɛn afasuo, Lebanon ntweneduro na wɔfa de yɛɛ w’ahyɛn mu nnua;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wo nnua a wɔpaee nyinaa yɛ ɔpepaw a efi Senir. Wɔde Lebanon sida na ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa wo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wo nnua a wɔpaeɛ nyinaa yɛ pepeaa a ɛfiri Senir. Wɔde Lebanon ntweneduro na ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa woɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Senir apopaw na wɔde pempam w’ahyɛn afasu, Lebanon nkyeneduru na wɔfa de yɛɛ w’ahyɛn mu nnua;

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 27:5
11 Referencias Cruzadas  

Na Tirohene Hiram somaa ne nkoa maa wɔbaa Salomo nkyɛn, ɛberɛ a ɔtee sɛ wɔasra no ngo asi no hene n’agya ananmu; ɛfiri sɛ Hiram dɔɔ Dawid daa.


Na afei hyɛ na wɔmmu ntweneduro mfiri Lebanon mma me, na me nkoa bɛba abɛka wo nkoa ho, na mede wo nkoa apaadeɛ bɛma wo, sɛdeɛ wobɛka nyinaa; na wo ara wonim sɛ obi nni yɛn mu a ɔnim nnuabuo sɛ Sidonfoɔ.


Na Manase abusuakuo fa no mma tenaa asase no so firii Basan de kɔsii Baal-hermon ne Senir ne Hermon bepɔ ho; na wɔdɔɔso.


Na afei soma ɔbarima nyansafoɔ bi brɛ me, na ɔmmɛdi sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, ntoma a ɛberedum, koogyan ne bibire mu adwini, na ɔnim nnua mu nsemayie nso, na ɔnka adwumfoɔ a wɔwɔ me nkyɛn Yuda ne Yerusalem a m’agya Dawid asiesie wɔn asie no ho.


Wɔma AWURADE nnua nso mee, Lebanon ntweneduro a ɔduaeɛ no.


AWURADE nne bubu ntweneduro, AWURADE bubu Lebanon ntweneduro.


Ɔteneneeni bɛfefɛ sɛ abɛ, ɔbɛnyini sɛ Lebanon so tweneduro.


M’ayeforɔ, ɛne me mfiri Lebanon, ɛne me mfiri Lebanon nkɔ, na yɛmfiri Amana atifi, Senir ne Hermon atifi, agyata tenabea, asebɔ mmepɔ so, nhwɛ fam.


pepeaa nso nya wo ho anigyeɛ, ɛne Lebanon ntweneduro no, na ɛka sɛ: Sɛ woabrɛ wo ase nti, obiara remforo mma yɛn so mmɛbubu yɛn.


W’ahyeɛ wɔ po mfimfini, w’abantofoɔ awie wo fɛ yɛ,


(Sidonfoɔ frɛ Hermon sɛ Sirion, na Amorifoɔ frɛ no Senir),


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios