Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 27:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 na ka kyerɛ Tiro sɛ: Wo a wote ɛpo aboboano, aman batani a wokɔ nsupɔ bebree soɔ, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Tiro, wo deɛ, woka sɛ: Me na me ho wie fɛ yɛ!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 na ka kyerɛ Tiro sɛ: Wo a wote ɛpo aboboano, aman batani a wokɔ nsupɔ bebree soɔ, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Tiro, wo deɛ, woka sɛ: Me na me ho wie fɛ yɛ!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ka kyerɛ Tiro a ɔda po abobow ano, na ɔne aguadifo bebree a wɔwɔ mpoano nkurow so di gua se, eyi ne asɛm a Otumfo Awurade ka: “ ‘Woka se, Tiro, “Me ho yɛ fɛ yiye.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ka kyerɛ Tiro a ɔda ɛpo aboboano, na ɔne adwadifoɔ bebree a wɔwɔ mpoano nkuro so di edwa sɛ, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Woka sɛ, Ao Tiro, “Me ho yɛ fɛ yie.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 na ka kyerɛ Tiro sɛ: Wo a wote ɛpo abobow ano, aman batani a wokɔ nsupɔw bebree so, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Tiro, wo de, woka sɛ: Me na me ho wie fɛ yɛ!

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 27:3
15 Referencias Cruzadas  

Sion, ahoɔfɛ a ɛwie pɛyɛ no mu na Onyankopɔn firi hran.


Gebal ne Amon ne Amalek, Filistifoɔ asase ne wɔn a wɔte Tiro.


Ɔte sɛ odwadini ahyɛn, ɔde n’aduane firi akyirikyiri ba.


Watene ne nsa akyerɛ po so, wawoso ahennie ahodoɔ, AWURADE ahyɛ Kanaan ho mmara sɛ wɔnsɛe n’abankɛseɛ.


Nanso wode wo ho too w’ahoɔfɛ so, na wobɔɔ adwaman guu wo din so, na wohwiee w’adwamammɔ guu obiara a ɔretwam so; ne no daeɛ.


Na wɔde w’ahonyadeɛ bɛyɛ asadeɛ, na wɔafomfom w’adwadeɛ, na wɔadwiri w’afasuo, na wɔasɛe w’anigyeɛ afie. Na wɔatoto w’aboɔ ne wo nnua ne wo dɔteɛ agu nsuo mu.


Na wɔbɛtwa wo ho kwadwom aka akyerɛ wo sɛ: Ei, sɛdeɛ woasɛe nie, wo a ɛpo mufoɔ bɛtenaa wo mu, kuro a wɔkamfo a ɛyɛ den wɔ po mu, ɛno ne emufoɔ a wɔma wɔn ho hu ba emufoɔ nyinaa soɔ no!


W’ahyeɛ wɔ po mfimfini, w’abantofoɔ awie wo fɛ yɛ,


Ɛfiri sɛ amanaman nyinaa anom n’adwamammɔ abufuo nsa no bi, na asase so ahemfo ne no abɔ adwaman, na asase so adwadifoɔ nam ne taamudie ahoɔden so anya wɔn ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios