Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 27:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Tarsis ne w’adamfo, w’adeɛ nyinaa dodoɔ nti; dwetɛ, dadeɛ, sanya, ne sumpii na wɔde bɛsesa wo hɔ adeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Tarsis ne w’adamfo, w’adeɛ nyinaa dodoɔ nti; dwetɛ, dadeɛ, sanya, ne sumpii na wɔde bɛsesa wo hɔ adeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 “ ‘Wʼaguade a ɛma wonyaa wo ho bebree nti, Tarsis ne wo dii gua, wɔde dwetɛ, dade, sanyaa ne sumpii sesaa wʼaguade.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 “ ‘Wʼadwadideɛ a ɛmaa wo nyaa wo ho bebree enti, Tarsis ne wo dii edwa. Wɔde dwetɛ, dadeɛ, sanya ne sumpii sesaa wʼadwadideɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Tarsis ne wo guadifo, w’ade nyinaa dodow nti; dwetɛ, dade, sanyaa ne sumpii na wɔde bɛsesa wo hɔ ade;

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 27:12
22 Referencias Cruzadas  

Seba ne Dedan ne Tarsis adwadifoɔ ne wɔn a wɔwɔ nkuraase no nyinaa bɛka akyerɛ wo sɛ: Asadeɛ na worebɛfa yi? Fomfa nti na woahyia w’asafo, sɛ worebɛsoa dwetɛ ne sika na woafa mmoa ne nnoɔma na woafom asadeɛ bebree yi?


O Tarsis babaa, yiri w’asase so sɛ Nil; nkyekyeremu biara nni hɔ bio.


Na ɔhene ahyɛn wɔ Tarsis ɛpo no so a ɛka Hiram hyɛn ho; mfensa mu Tarsis ahyɛn no ba prɛko de sika ne dwetɛ, asonse ne nkontromfi ne nkokɔnini-abankwaa ba.


Na Yawan mma ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Dodanim.


Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔredwane akɔ Tarsis afiri AWURADE anim, na ɔsiane kɔɔ Yopa, na ɔkɔhunuu ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; na ɔtuaa ka kɔtenaa mu sɛ ɔredwane AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis.


Damasko ne wo di dwa, w’adeɛ a woyɛeɛ no dodoɔ so, ahodeɛ nyinaa dodoɔ nti; wɔde Helbon bobesa ne nnwan nwi fitaa ba.


Siria ne wo di dwa, w’adeɛ a woyɛeɛ no dodoɔ nti. Nsrammaboɔ, ntoma a ɛberedum ne nkyeremu ne nwera pa ne bota ne nnenkyenema na wɔde bɛsesa wo hɔ adeɛ.


Wɔde dwetɛ a wɔaborɔ firi Tarsis ba, ne sika nso firi Ufas, ɛyɛ odwumfoɔ ne sikadwumfoɔ nsa ano adwuma; bibitoma ne ntoma a ɛberedum na ɛfira wɔn, yei nyinaa yɛ adwumfoɔ nsa ano adwuma.


Aane, me na mpoano aman bɛtwɛn me, na Tarsis ahyɛn na ɛbɛdi kan, na wɔde wo mma firi akyirikyiri aba a wɔn dwetɛ ne wɔn sika ka wɔn ho, wɔde rebrɛ AWURADE wo Nyankopɔn din, ne Israel Kronkronni no, ɛfiri sɛ ɔno na wahyɛ wo animuonyam.


Mo Tarsis ahyɛn, montwa adwo, na wɔasɛe mo aban.


Montwa nkɔ Tarsis, mo mpoanofoɔ, montwa adwo.


ne Tarsis ahyɛn nyinaa ne ahwɛdeɛ a ɛyɛ fɛ nyinaa so.


Tarsis ne nsupɔ mu ahemfo bɛba abɛyɛ ayɛ, Saba ne Seba ahemfo bɛba abɛkyɛ adeɛ.


Yehosafat yɛɛ Tarsis ahyɛn sɛ ɛnkɔ Ofir na ɛnkɔpɛ sika kɔkɔɔ, nanso ankɔ, ɛfiri sɛ ahyɛn no bobɔe wɔ Esion-geber.


Sika kɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔden aboɔ, nhwene pa, nwera pa, ntoma afasebire, serekye ne nkrawoɔ adwadeɛ, nnua a ɛyɛ hwam nyinaa, ne asommɛn adwinneɛ nyinaa, adwinneɛ a wɔde nnua a ɛwɔ din, yaawa, dadeɛ, abohemmaa ayɛ nyinaa,


Arwadfoɔ ne wo dɔm wɔ w’afasuo so hyia, na Gamadfoɔ wɔ w’aban atentene mu, wɔde wɔn akyɛm sensɛne w’afasuo ho hyia, wɔn na wɔmaa w’ahoɔfɛ wiee yie yɛ.


Yawan, Tubal ne Mesek ne wo di dwa, nnipa ne kɔbere mfrafraeɛ adeɛ na wɔde gye w’adwadeɛ.


W’adwadeɛ firi po nyinaa mu baeɛ no, wode maa aman bebree mee, w’ahonyadeɛ ne w’adwadeɛ dodoɔ na wode maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho.


wo nyansa dodoɔ ne w’adwadie na wode ama w’ahodeɛ adɔɔso, na w’adeɛ no nti w’akoma ahuhuru,


W’adwadie dodoɔ nti na wɔde amimdie hyɛɛ wo mu ma, na woyɛɛ bɔne, na metoo wo firi Nyankopɔn bepɔ so sɛ afideɛ, na kerub a ɔbɔ wo ho ban no, pamm wo firi ogya aboɔ no ntam.


Na ɔhene wɔ ahyɛnkuo a ɛne Huram nkoa no kɔ Tarsis; mfeɛ mmiɛnsa biara Tarsis ahyɛn no ba prɛko de sika ne dwetɛ, asonse ne nkontromfi ne nkokɔnini-abankwaa ba.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios