Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 26:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Adeɛ a ɛyɛ hu na mede wo bɛyɛ, na worentena hɔ bio, na wɔbisa w’akyiri kwan a, wɔrenhu wo da biara da bio, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Adeɛ a ɛyɛ hu na mede wo bɛyɛ, na worentena hɔ bio, na wɔbisa w’akyiri kwan a, wɔrenhu wo da biara da bio, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Mede wo bɛba awiei a ɛyɛ hu mu na worenhu bio. Wɔbɛhwehwɛ wo nanso wɔrenhu wo bio da, Otumfo Awurade asɛm ni.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Mede wo bɛba awieeɛ a ɛyɛ hu mu, na worentena asase so bio. Wɔbɛhwehwɛ wo nanso wɔrenhunu wo bio da, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Ade a ɛyɛ hu na mede wo mɛyɛ, na worentena hɔ bio, na wobisa w’akyi kwan a, wɔrenhu wo da biara da bio, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 26:21
9 Referencias Cruzadas  

na obi twaa mu no, na hwɛ, ɔnni hɔ, na mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.


Na sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mereyɛ wo ehuyideɛ ama wo ho ne w’adɔfo nyinaa anim, na wɔatotɔ wɔn atamfoɔ afena ano, na w’ani bɛhunu, na mede Yuda nyinaa bɛhyɛ Babel hene nsa, na watu wɔn akɔ Babel, na ɔde afena akunkum wɔn.


aka sɛ: Saa ara na Babel bɛmem a ɛrensɔre bio, mmusuo a mede mereba soɔ no nyinaa nti, na wɔawie sa. Ɛha na Yeremia nsɛm no pem.


Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Aman mu adwadifoɔ bɔ wo so hwerɛma hwee hwee. Woapatu asɛe, na wonni hɔ bio de kɔsi daa.


Wɔn a wɔnim woɔ, aman nyinaa mu, wo ho bɛyɛ wɔn ahodwiri; woapatu asɛe, na wonni hɔ bio de kɔsi daa.


Na ɔbɛdane n’ani akyerɛ ɔno ara n’asase so abankɛseɛ, nanso ɔbɛsunti ahwe ase, na wɔrenhu no.


Na ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi maa ɔboɔ bi a ɛte sɛ owiyammoɔ kɛseɛ so to twenee ɛpo mu kaa sɛ: Sɛdeɛ wɔbɛto kuro kɛseɛ Babel atwene hwii ne no, na wɔrenhunu bio koraa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios