Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 26:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na mɛma wo dwontoɔ hooyɛ agyae, na w’asankuo nne nso, wɔrente bio.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na mɛma wo dwontoɔ hooyɛ agyae, na w’asankuo nne nso, wɔrente bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Mɛma wo nnwonto gyegyeegye no aba awiei na wɔrente wo sanku so nnwonto no bio.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Mɛma wo nnwontoɔ gyegyeegye no aba awieeɛ na wɔrente wo sankuo so nnwontoɔ no bio.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na mɛma wo nnwonto huuyɛ agyae, na w’asanku nne nso, wɔrente bio.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 26:13
16 Referencias Cruzadas  

Ɛhɔ nsukakye nnua no so na yɛde yɛn asankuo sensɛneeɛ.


Wo kɛseyɛ asiane aba Asamando, wo mmɛnta nne no nso; w’ase kɛtɛ a wɔasɛ ne mmoaa birikabirika, na wo so nkatasoɔ ne nsonsono!


Wo a huuyɛ ayɛ wo ma, hooyɛ kuro, ahosɛpɛ kuro, w’atɔfoɔ antotɔ afena ano, na wɔanwuwu ɔko mu.


Na waka sɛ: Worenkɔ so nni ahurisie bio, O Sidon babaa a wɔabɔ wo adapaa. Kipro na sɔre twam korɔ, ɛhɔ nso worennya ɔhome.


Fa sankuo, kyini kuro mu, odwamamfoɔ a werɛ afiri woɔ, bɔ sankuo yie, na to nnwom pii, deɛ ɛbɛyɛ na wɔakae woɔ.


Yei ne mo ahurisidie kuro a ɛfiri tete nteredee no, a ne nan de no dɔɔ mu kɔɔ akyirikyiri kɔtenaa hɔ no anaa?


Na wɔwɔ sankuten ne bɛnta, ne mpintin ne atɛntɛbɛn ne nsa wɔ wɔn apontoɔ aseɛ, na AWURADE nneyɛɛ deɛ, wɔnhunu, na ne nsa ano adwuma nso, wɔnhunu.


Na sɛdeɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Hwɛ, merema ahosɛpɛ nne, ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne, ne ayeforɔ nne to atwa ɛha yi, mo ani so ne mo berɛ yi so.


na mama ahosan nne ne anigyeɛ nne ne ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, oyuyammoɔ nkateɛ ne kanea hann ayera wɔn mu;


Na mɛgu Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmorɔno so ahosɛpɛ nne ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, ɛfiri sɛ asase no bɛdane amamfo.


Nyankopɔn turo Eden mu na woteɛ, aboɔden aboɔ nyinaa yɛ wo nkataho, bogyanamboɔ, akarateboɔ ne bɔwerɛboɔ, sikabereɛboɔ, apopobibireboɔ ne ahwehwɛboɔ, hoaboɔ, nsrammaboɔ ne ahahammonoboɔ ne sika; wo mpintin ne bɔmmaa som w’anim, ɛda a wɔbɔɔ woɔ no na wɔsiesieeɛ.


Na mɛma n’ahosɛpɛ nyinaa to atwa, ne nnapɔnna, ne bosome foforɔ ne ne homeda ne n’afahyɛ nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios