Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 24:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Deɛ ɛbɛyɛ na ahwanyan anibereɛ na ama aweredie aba nti, na memaa ne mogya guu ɔbotan pataa soɔ, a wɔankata soɔ yi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Deɛ ɛbɛyɛ na ahwanyan anibereɛ na ama aweredie aba nti, na memaa ne mogya guu ɔbotan pataa soɔ, a wɔankata soɔ yi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ ɛbɛhwanyan abufuwhyew ama aweretɔ nti mede ne mogya guu ɔbotan wosee so sɛnea ɛso renkata.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ ɛbɛhwanyan abufuhyeɛ ama aweretɔ enti mede ne mogya guu ɔbotan wesee so sɛdeɛ ɛso renkata.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Nea ɛbɛyɛ na ahwanyan anibere na ama aweredi aba nti na memaa ne mogya guu ɔbotan pataa so na wɔankata so yi.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 24:8
23 Referencias Cruzadas  

ɛsiane sɛ wɔagya me, na wɔakɔhye aduhwam ama anyame foforɔ, sɛ wɔde wɔn nsa ano adwuma nyinaa rehuru me bo, enti m’abufuhyeɛ bɛdɛre atia ha yi, na ɛrennum.


ne mogya a ɛdi bem nso a ɔka guiɛ, na ɔde mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma no nti. Na AWURADE ampɛ sɛ ɔde kyɛ.


ɛsiane sɛ wɔagya me na wɔakɔhye aduhwam ama anyame foforɔ, sɛ wɔde wɔn nsa ano nneyɛɛ nyinaa rehuru me bo, enti wɔbɛhwie m’abufuhyeɛ agu ha yi, na wɔrennum.


Na hwɛ, AWURADE refiri n’afa akɔtwe asase sofoɔ aso, wɔn amumuyɛ nti. Na asase bɛyi ne mogya adi, na ɛrenkata wɔn a wɔaku wɔn ɛsoɔ no so bio.


Mma tase nnyina, na agyanom sɔ ogya, na mmaa fete mmɔre sɛ wɔreyɛ taterɛ ama ɔsoro hemmaa no, na wɔagu anyame foforɔ ahwiesa, de yi me abufuo.


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, wɔbɛhwie m’abufuo ne m’aboɔhyeɛ agu ɛha yi, nnipa ne mmoa, wira mu nnua ne asase so aba so, na adɛre a ɛrennum.


Wo mogya a wohwie guiɛ no mu na wodi so, na w’abosonhuhuo a woyɛeɛ no, na wode agu wo ho fi, na woama wo nna abɛn, na woaduru wo mfeɛ awieeɛ; ɛno nti, mede wo ayɛ ahohoradeɛ ama amanaman, ne fɛdie ama nsase nyinaa;


Na mmarima ateneneefoɔ na wɔde awaresɛefoɔ atemmuo ne mogyakagufoɔ atemmuo bɛbu wɔn atɛn, ɛfiri sɛ wɔyɛ awaresɛefoɔ, na mogya wɔ wɔn nsamu.


Na m’abufuo bɛwie na mama m’anibereɛ adwo wɔn so, na me werɛ akyekye; na sɛ meyɛ m’anibereɛ no so adeɛ wɔn so a, wɔahunu sɛ me, AWURADE, makasa me ninkuntwe mu.


Na mɛhiahia nnipa ho na wɔanante sɛ anifirafoɔ, ɛfiri sɛ AWURADE na wɔayɛ no bɔne; na wɔn mogya bɛgu sɛ mfuturo, na mato wɔn honam agu sɛ sɛbeɛ.


Na atɛn ko a mobuo no, wɔde bɛbu mo; na ade korɔ a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo.


Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn kɔsi sɛ ɛberɛ no bɛduru ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde deɛ ahunta sum mu bɛba hann mu, na wayi akoma mu agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyie bɛma no.


Due, due, kuro kɛseɛ a ɔfira nwera pa ne ntoma afasebire ne nkrawoɔ, na ɔde sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa ahyehyɛ ne ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios