Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 24:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Due, mogya kuro! Ɛsɛn a emu awe nnaakyen a ne nnaakyen mfiri ne mu. Yiyi mu adeɛ, nankum, nankum. Wɔnnyiyi mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Due, mogya kuro! Ɛsɛn a emu awe nnaakyen a ne nnaakyen mfiri ne mu. Yiyi mu adeɛ, nankum, nankum. Wɔnnyiyi mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 “ ‘Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: “ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue, nnome nka ɔsɛn a agye nkannare mprempren, na nea ɛwɔ mu aka mu no! Yiyi namkum no mmaako mmaako fi mu a wompaw mu koraa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 “ ‘Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue, nnome nka ɛsɛn a awe nnaakye seesei, na deɛ ɛwɔ mu aka mu no! Yiyi nankum no mmaako mmaako firi mu a wommɔ so ntonto.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Due, mogya kurow! Ɔsɛn a emu agye nkannare a ne nkannare mfii no mu. Yiyi mu ade, nankum, nankum; wɔnntwe so ntonto.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 24:6
33 Referencias Cruzadas  

Na ɔkaa Moab nso gui, na ɔmaa wɔdedaa fam akuo mmiɛnsa. Na wɔkumm nnipa akuo no mu mmienu, na wɔgyaa ekuo baako sɛ wɔntena ase. Na Moabfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkoa a wɔtua apeatoɔ ma no.


Afei nso, mogya a ɛdi bem nso Manase kaa pii pa ara gui kɔsii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem ma firi ano kɔpem ano, ɛsono ne bɔne a ɔmaa Yuda yɛeɛ, sɛ wɔyɛɛ deɛ ɛnyɛ wɔ AWURADE ani soɔ no.


AWURADE anomu asɛm nko so na yei nam baa Yuda soɔ, sɛ ɔbɛyi wɔn afiri n’anim, Manase bɔne nti, sɛ deɛ ɔyɛeɛ no nyinaa,


ne mogya a ɛdi bem nso a ɔka guiɛ, na ɔde mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma no nti. Na AWURADE ampɛ sɛ ɔde kyɛ.


Na mpo sɛ wode dɔw dware, na wofa samina ma no dɔɔso a, w’amumuyɛ yɛ m’anim nkekaeɛ ara, AWURADE NYANKOPƆN asɛm nie.


Afa rehu dendeenden, ogya rehye sumpii; wɔbere ho kwa, ɛfiri sɛ wɔnyii abɔnefoɔ mfirii wɔn mu.


Kuro no renyɛ mo ɛsɛn, na mo nso morenyɛ mu nam; Israel hyeɛ so na mɛbu mo atɛn,


Wɔse: Berɛ a wɔde sisi adan mpinkyɛnee. Kuro yi ne ɛsɛn no, na yɛne nam no.


Wo mu na wɔgyegye adanmudeɛ, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo. Wogyegye mfɛmtomu ne nsiho, na wode apempensie fa wo yɔnko so, na me deɛ, wo werɛ afiri me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na wo, onipa ba, wobɛbu kuro a mogya ayɛ mu ma no atɛn? Ɛnneɛ ma no nhunu n’akyiwadeɛ nyinaa,


Ne mmapɔmma a wɔwɔ soɔ no te sɛ mpataku a wɔtete hanam, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo, na wɔasɛe akra, deɛ ɛbɛyɛ na wɔanya mfasoɔ bɔne adie.


na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Kuro a ɛhwie mogya gu wɔ mu, sɛ ne berɛ mmra, na ɛyɛ abosonhuhuo fa de gu ne ho fi.


Na bu asowuiɛ fie no bɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Fa ɛsɛn no si so, na hwie nsuo nso gu mu.


Saa nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Due, mogyahwiegu kuro! Me nso mɛma aseɛ mmaboa adɔɔso.


Ɛfiri sɛ wɔtwee me man so ntonto, na wɔde abarimaa gyee odwamamfoɔ, na wɔtɔn abaayewa gyee nsa nomee.


Ɛda a wobɛgyinaa ntentensoɔ, ɛda a ananafoɔ faa ne dɔm nnommum kɔeɛ, na ahɔhoɔ hyɛnee ne kuro apono mu na wɔtwee Yerusalem so ntonto no, ɛno mu na wo nso woyɛɛ sɛ wɔn mu baako.


Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Mommra mma yɛntwe ntonto mfa nhunu deɛ ne nti saa amaneɛ yi aba yɛn soɔ yi. Na wɔtwee ntonto no, ntonto no bɔɔ Yona.


Nnipa pa ayera afiri asase so; teefoɔ nni nnipa mu, wɔn nyinaa tetɛ mogya, wɔsunsum wɔn nuanom fidie.


Due, mogya kuro! Wo a apoobɔ ne awudie ayɛ wo mu ma na fomfa to ntwa da wɔ wo mu.


Yei nyinaa akyi no, wɔfaa no kɔɔ nnommum mu, ne mmotafowa nso, wɔde wɔn abobɔ mmorɔno nyinaa ntweaso akunkum wɔn, na wɔtwee n’animuonyamfoɔ so ntonto, na wɔguu ne nnipa akɛseɛ nyinaa mpokyerɛ.


na mogya tenenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, ɛfiri Habel tenenee mogya so de bɛsi Barakia ba Sakaria a mokumm no asɔredan ne afɔrebukyia ntam no mogya so aba mo so.


Na fa sofi ka wo nnoɔma ho, na sɛ wokɔgya wo nan nsraban no akyiri hɔ awie no, fa sofi no tutu fam, na kata agyanan no so.


Na Yosua kaa sɛ: Mommue ɔbodan no ano, na monyi ahemfo baanum no mfiri ɔbodan no mu mmrɛ me.


Na mehunuu sɛ ahotefoɔ mogya ne Yesu adansefoɔ mogya aboro ɔbaa no, na mehunuu no no, ɛyɛɛ me nwanwa kɛse.


Na ɛno mu na wɔhunuu adiyifoɔ ne ahotefoɔ ne wɔn a wɔaku wɔn asase soɔ no nyinaa mogya.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios