Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 23:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Ɛno nti mayi no ahyɛ n’adɔfo nsa, Asiriafoɔ a n’ani beree wɔn no nsa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Ɛno nti mayi no ahyɛ n’adɔfo nsa, Asiriafoɔ a n’ani beree wɔn no nsa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Ɛno nti mede no maa nʼadɔfo Asiriafo no a nʼani bere wɔn no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Ɛno enti mede no maa nʼadɔfoɔ Asiriafoɔ no a nʼani bere wɔn no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Ɛno nti mayi no mahyɛ n’adɔfo no nsa, Asiriafo a n’ani beree wɔn no nsa.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 23:9
13 Referencias Cruzadas  

Israelhene Peka berɛ so na Asiriahene Tiglat-pileser ba bɛfaa Iyon, Abel-bet-maaka, Yanoa, Kedes, Hasor, Gilead ne Galilea, Naftali asase nyinaa, na ɔtuu wɔn kɔɔ Asiria.


de kɔsii sɛ AWURADE yii Israel firii n’anim, sɛdeɛ ɔnam ne nkoa adiyifoɔ no nyinaa so kaeɛ no. Ɛno na wɔtuu Israel firii n’asase so kɔɔ Asiria de bɛsi nnɛ.


Ɛnna Israel Nyankopɔn hwanyan Asiriahene Pul ne Asiriahene Tilgat-pilneser honhom, na ɔtuu Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no de wɔn kɔduaa Hala, Habor, Hara ne Gosan asubɔnten ho de bɛsi nnɛ.


Ɔhunuu sɛ ɔkobɔfoɔ Israel awaresɛeɛ nti na megyae no maa no awaregyaeɛ nwoma deɛ, nanso ne nuabaa sansani Yuda ansuro, na ɔno nso kɔ kɔbɔɔ adwaman.


Na wo nso, wo a wɔasɛe woɔ yi, worekyerɛ sɛn ni na wofira tam kɔkɔɔ, na wode sika ahyehyɛdeɛ hyehyɛ wo ho, na wode adubire keka w’ani yi? Ɔkwa ara kwa na wohyehyɛ wo ho fɛfɛɛfɛ. Adɔfo apo wo, wɔrepɛ wo aku wo.


hwɛ, merehyiahyia w’adɔfo a woafam wɔn ho no nyinaa ne wɔn a woadɔ wɔn nyinaa mabɔ wɔn a woatane wɔn no nyinaa so. Ɛfiri afa nyinaa na maboaboa wɔn ano atia wo, na mayi w’adagya adi akyerɛ wɔn, na wɔahunu w’adagya nyinaa.


Na ɔyii n’adwamammɔ adie na ɔyii n’adagya soɔ no, ɛnna me kra tee ne ho firii ne ho, sɛdeɛ me kra tee ne ho firii ne nua no ho no.


Ɛno nti, Oholiba, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merehwanyan w’adɔfo atia wo, wɔn a wo kra ate ne ho afiri wɔn ho no, na mahyia wɔn afiri mmaa nyinaa aba wo so.


Ɔbɛsane n’akyiri akɔ Misraim asase so bio, na Asiria na ɔyɛ ne hene, ɛfiri sɛ wɔampene sɛ wɔsane wɔn akyire ba me nkyɛn.


Na mmɛn du a wohunuiɛ no, ne aboa no, wɔn na wɔbɛtane odwamamfoɔ no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagya, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahye no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios