Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 23:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Nanso n’adwamammɔ a ɔde firi Misraim no, wannyae, ɛfiri sɛ wɔne no dae ne mmabaaberɛ mu, na wɔkekaa ne mmabaaberɛ mu mpokua, na wɔhwiee wɔn adwamammɔ guu ne so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Nanso n’adwamammɔ a ɔde firi Misraim no, wannyae, ɛfiri sɛ wɔne no dae ne mmabaaberɛ mu, na wɔkekaa ne mmabaaberɛ mu mpokua, na wɔhwiee wɔn adwamammɔ guu ne so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wannyae nʼaguamammɔ a ofii ase wɔ Misraim no, bere a ɔyɛ ababaa na mmarima ne no dae, susoo ne mpokua mu na wohwiee wɔn akɔnnɔ guu ne so no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Wannyae nʼadwamammɔ a ɔhyɛɛ aseɛ wɔ Misraim no, ɛberɛ a ɔyɛ ababaawa na mmarima ne no daeɛ, sosɔɔ ne mpokuwa mu na wɔhwiee wɔn akɔnnɔ guu ne soɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Nanso n’aguamammɔ a ɔde fi Misraim no, wannyae, efisɛ wɔne no dae ne mmabaabere mu, na wɔkekaa ne mmabaabere mu mpokua, na wohwiee wɔn aguamammɔ guu no so.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 23:8
10 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene no tuu agyina, na ɔyɛɛ sika nantwie mma mmienu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Moaforo akɔ Yerusalem bi ara! Israel, hwɛ wo anyame a ɔde wo firi Misraim baeɛ nie.


Nanso Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne akyiri deɛ, Yehu amfi, ɛne sika nantwie mma a ɛwɔ Betel ne Dan no.


Na wɔgyaa AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nyinaa, na wɔyɛɛ ahoni a wɔaguo, nantwie mma mmienu fae, na wɔyɛɛ Asera nnua, na wɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa, na wɔsom Baal.


Na ɔgyee wɔ wɔn nsam, na ɔde pɛeɛ yeyɛe, na ɔyɛɛ no nantwie a wɔaguo; na wɔkaa sɛ: Israel, yeinom ne w’anyame a wɔyii wo firii Misraim asase so baeɛ no.


na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo nyinaa montoto mo ani so akyiwadeɛ no ngu, na mommfa Misraim abosonhuhuo nngu mo ho fi; mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na ɔmaa n’adwamammɔ no dɔɔso ara de kaee ne mmabaaberɛ mu nna a ɔbɔɔ adwaman, Misraim asase soɔ no.


Na wo kɔn dɔɔ wo mmabaaberɛ mu aniwudeɛ berɛ a wo mpokua nti Misraim miamiaa wo nufo no.


na wɔbobɔɔ adwaman Misraim, wɔn mmabaaberɛ mu na wɔbobɔɔ adwaman no; ɛhɔ na wɔmiaa wɔn nufo, na ɛhɔ na wɔkekaa wɔn mmabaaberɛ mu mpokua.


Na wobɛnom, na wobɛfefe mu, na wobɛwe ne ferɛ, na wobɛsunsuane wo nufo mu, na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na wɔn afunu bɛdeda kuro kɛseɛ no abɔntene so, kuro a honhom mu wɔfrɛ no Sodom ne Misraim, deɛ wɔbɔɔ wɔn Awurade nso asɛnnua mu no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios