Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 23:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na m’akyi Ohola bɔɔ adwaman na n’ani beree n’adɔfoɔ, Asiriafoɔ a wɔba bɛpinkyɛɛ no no ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na m’akyi Ohola bɔɔ adwaman na n’ani beree n’adɔfoɔ, Asiriafoɔ a wɔba bɛpinkyɛɛ no no ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 “Ohola da so ware me no, ɔbɔɔ aguaman; nʼani tu dii nʼapɛfo akyi, Asiriafo, akofo no

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 “Ohola da so ware me no, ɔbɔɔ adwaman; nʼani tu dii nʼapɛfoɔ akyi, Asiriafoɔ, akofoɔ no

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na m’akyi Ohola bɔɔ aguaman na n’ani beree n’adɔfo, Asiriafo a wɔbae bɛbɛn no no ho.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 23:5
23 Referencias Cruzadas  

Na Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ na ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no nti, ɔbɛgyae Israel mu ama.


na woayɛ bɔne asene wɔn a wɔdii w’anim nyinaa, na woakɔ akɔyɛ anyame foforɔ ne ahoni a wɔaguo sɛ wode rehuru me bo, na woato me atwene w’akyire nti,


Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔnantee n’agya kwan ne ne bɔne a ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no mu.


wɔ Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ na ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no ne abohuro a ɔde huruu AWURADE Israel Nyankopɔn bo no nti.


Na ɔyɛɛ akyiwadeɛ sɛ, sɛ ɔdii ahoni huhuo no akyire, sɛdeɛ Amorifoɔ a AWURADE tuu wɔn Israelfoɔ anim yɛeɛ no ara.)


Asiriahene Pul baa asase no so, na Menahem maa Pul dwetɛ dwetikɛseɛ apem, sɛ ɔmmoa no nhyɛ ne nsa mu den, n’ahennie no mu.


Na Ahas somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Asiriahene Tiglat-pileser nkyɛn sɛ: W’akoa ne wo ba ne me; foro bra bɛgye me Siriahene ne Israel hene a wɔasɔre atia me yi nsam.


Ɔno so na Asiriahene Salmaneser baeɛ, na Hosea bɛyɛɛ n’akoa, na ɔtuaa apeatoɔ maa no.


Ɛweɛ wɔ ne nsuo so na awewe, ɛfiri sɛ ɛyɛ ahoni asase, na wɔbobɔ abosom a ɛyɛ hu ho dam.


Nso wo ne Asiria mma bɔɔ adwaman, ɛfiri sɛ na wommee. Na wo ne wɔn bɔɔ adwaman, nanso woammee.


hwɛ, merehyiahyia w’adɔfo a woafam wɔn ho no nyinaa ne wɔn a woadɔ wɔn nyinaa mabɔ wɔn a woatane wɔn no nyinaa so. Ɛfiri afa nyinaa na maboaboa wɔn ano atia wo, na mayi w’adagya adi akyerɛ wɔn, na wɔahunu w’adagya nyinaa.


N’ani beree Asiriafoɔ, amradofoɔ ne mmakoma a wɔba bɛpinkyɛɛ no no, wɔhyehyɛ ntadeɛ twom, wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, mmeranteɛ a wɔn ho yɛ fɛ ara nko.


Ɛnna ɔde n’ani hwɛeɛ no, n’ani beree wɔn, na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ wɔn nkyɛn Kaldea.


Na n’ani beree wɔn mpenafoɔ a wɔn mmarima te sɛ mfunumu deɛ, na wɔn ahobaa te sɛ apɔnkɔ deɛ no.


Na ɔpanin no ne Ohola, ɔne ne nuabaa Oholiba. Wɔbɛyɛɛ me dea, na wɔwowoo mmammarima ne mmammaa. Ohola din no gyina hɔ ma Samaria, na Oholiba din no gyina hɔ ma Yerusalem.


Na ɔde n’adwamammɔ kɔɔ wɔn so, Asiriafoɔ a wɔasa mu ayi wɔn no nyinaa, na ɔde wɔn a ne kɔn dɔ wɔn nyinaa, wɔn abosom nyinaa guu ne ho fi.


Ɛno nti mayi no ahyɛ n’adɔfo nsa, Asiriafoɔ a n’ani beree wɔn no nsa.


Ɛno nso wɔbɛfa akɔ Asiria de akɔkyɛ Ɔhene Yareb. Aniwuo bɛka Efraim, na Israel ani awu n’agyinatuo ho.


Efraim hwe mframa, na ɔdi apueeɛ ahum akyi; daa nyinaa wɔma atorɔ ne ɔsɛeɛ dɔɔso, na wɔne Asiria kɔ apam, na wɔsoa ngo kɔ Misraim.


Na Efraim hunuu ne yadeɛ, na Yuda hunuu ne kuro; na Efraim sii mu kɔɔ Asiria, na ɔsoma maa wɔkɔɔ Ɔhene Yareb nkyɛn; na ɔno nso, ɔrentumi nsa mo yadeɛ, na ɔrentumi nkum mo ho akuro.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios