Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 23:44 - New Revised Asante Twi Bible

44 Na wɔkɔɔ ne ho sɛdeɛ wɔkɔ ɔbaa dwamamfoɔ ho, na saa na wɔkɔɔ Ohola ne Oholiba, mmaa ahohorafoɔ no ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

44 Na wɔkɔɔ ne ho sɛdeɛ wɔkɔ ɔbaa dwamamfoɔ ho, na saa na wɔkɔɔ Ohola ne Oholiba, mmaa ahohorafoɔ no ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 Na wɔne no dae. Sɛnea mmarima ne oguamanfo da no, saa ara na wɔne saa mmea a wɔn ho yɛ aniwu no, Ohola ne Oholiba dae.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 Na wɔne no daeɛ. Sɛdeɛ mmarima ne odwamanfoɔ da no, saa ara na wɔne saa mmaa a wɔn ho yɛ aniwuo no, Ohola ne Oholiba, daeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

44 na wɔkɔɔ ne nkyɛn sɛnea wɔkɔ ɔbea aguaman nkyɛn, saa na wɔkɔɔ Ohola ne Oholiba, mmea ahohorafo no nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 23:44
6 Referencias Cruzadas  

Ɔhunuu sɛ ɔkobɔfoɔ Israel awaresɛeɛ nti na megyae no maa no awaregyaeɛ nwoma deɛ, nanso ne nuabaa sansani Yuda ansuro, na ɔno nso kɔ kɔbɔɔ adwaman.


na wɔbobɔɔ adwaman Misraim, wɔn mmabaaberɛ mu na wɔbobɔɔ adwaman no; ɛhɔ na wɔmiaa wɔn nufo, na ɛhɔ na wɔkekaa wɔn mmabaaberɛ mu mpokua.


Na ɔpanin no ne Ohola, ɔne ne nuabaa Oholiba. Wɔbɛyɛɛ me dea, na wɔwowoo mmammarima ne mmammaa. Ohola din no gyina hɔ ma Samaria, na Oholiba din no gyina hɔ ma Yerusalem.


Ɛnna mekaa sɛ: Mmarima mmɔ adwaman sɛ ɔno ara, sɛ wɔkɔ ne ho a!


Na mmarima ateneneefoɔ na wɔde awaresɛefoɔ atemmuo ne mogyakagufoɔ atemmuo bɛbu wɔn atɛn, ɛfiri sɛ wɔyɛ awaresɛefoɔ, na mogya wɔ wɔn nsamu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios