Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 23:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Ɛnna ɔde n’ani hwɛeɛ no, n’ani beree wɔn, na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ wɔn nkyɛn Kaldea.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Ɛnna ɔde n’ani hwɛeɛ no, n’ani beree wɔn, na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ wɔn nkyɛn Kaldea.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Ohuu saa mfoni yi, ne kɔn dɔɔ wɔn na ɔsomaa abɔfo kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ Kaldea.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɔhunuu saa mfoni yi, ne kɔn dɔɔ wɔn na ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ Kaldea.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Ɛnna ɔde n’aniwa hwɛe no, n’ani beree wɔn, na ɔsomaa abɔfo kɔɔ wɔn nkyɛn Kaldea.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 23:16
17 Referencias Cruzadas  

Na ɔbaa no hunuu sɛ dua no yɛ sɛ wɔdie, na ɛyɛ aniwa fɛ, ɛyɛ akɔnnɔ, na ɛbɛte ani, enti ɔtee n’aba bi, na ɔdii, na ɔde bi maa ne kunu a ɔka ne ho no nso, na ɔdii.


Na ɛbaa sɛ akyire yi no, Yosef wura yere tuu n’ani sii ne so, na ɔkaa sɛ: Wo ne me mmɛda.


Nyankopɔn mma hunuu nnipa mmammaa sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.


Na da bi anwummerɛ a Dawid sɔre firii ne mpa soɔ na ɔnenam ɔhene dan atifi no, ɔfiri ɛdan no atifi hɔ hunuu ɔbaa bi sɛ ɔredwareɛ, na na ɔbaa no ho yɛ fɛ sɛ.


Yehoiakim berɛ so na Babelhene Nebukadnessar tu baeɛ, na Yehoiakim yɛɛ no akoa mfeɛ mmiɛnsa; na ɔdanee ne ho tee Nebukadnessar so atua.


Apam na me ne m’ani apam, na adɛn na memfa m’ani menkari ɔbaabunu?


Ma m’ani nsiane adehunu hwɛ ho, ma mennya wo kwan mu nkwa.


W’ani bɛhwɛ ananadeɛ, na w’akoma aka akontonkyisɛm.


Mma w’ani mmmere n’ahoɔfɛ w’akomam, na mma no mmfa n’anisuatɛtɛ nnkye wo.


Na wode ngo tuu kwan de kɔmaa Molek, na womaa wo nnuhwam dɔɔso, na wosomaa w’abɔfoɔ akyirikyiri, na wobrɛɛ wo ho ase kɔɔ Asamando.


Na wofaa wo nnwinneɛ fɛfɛ no, me sika ne me dwetɛ a memaa woɔ no bi, na wode yɛɛ mmarima ahoni fae, na wode bɔɔ adwaman;


Nso womaa w’adwamammɔ dɔɔso kɔduruu Kanaan asase a ɛne Kaldea, na yei nso ammee wo.


wɔde abɔsoɔ abobɔ wɔn asene de abotire atentene abobɔ wɔn ti, sɛ Babelfoɔ a wɔn awoɔ asase ne Kaldea no teɛ no.


Na n’ani beree wɔn mpenafoɔ a wɔn mmarima te sɛ mfunumu deɛ, na wɔn ahobaa te sɛ apɔnkɔ deɛ no.


Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no n’akomam dada.


wɔwɔ ani a awaresɛeɛ ahyɛ no mama, a ɛrennwo wɔ bɔne ho da, wɔdaadaa akra a wɔn ase nnya ntimiiɛ, wɔwɔ akoma a aben anibereɛ mu, wɔyɛ nnomee mma,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios