Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 22:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Wo mu na wɔbɔ agya ne ɛna adapaa, wo mu na wɔdi ahɔhoɔ amim, wɔhom wo mu agyanka ne okunafoɔ soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Wo mu na wɔbɔ agya ne ɛna adapaa, wo mu na wɔdi ahɔhoɔ amim, wɔhom wo mu agyanka ne okunafoɔ soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔabu agya ne ɛna animtiaa wɔ wo mu, wɔahyɛ ɔnanani so, na wɔatan ayisaa ne akunafo ani.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔabu agya ne ɛna animtiaa wɔ wo mu. Wɔahyɛ ɔnanani so, na wɔatane awisiaa ne akunafoɔ ani.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 wo mu na wɔbɔ agya ne ɛna so mpekua, wo mu na wodi ahɔho amim, wɔhom wo mu ayisaa ne okunafo so.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 22:7
25 Referencias Cruzadas  

Wo man deɛ, AWURADE, wɔrebɔ no pasaa, na wɔbrɛ w’agyapadeɛ ase.


Wɔkum okunafoɔ ne ɔhɔhoɔ, na wɔdi nwisiaa awu;


Di wo na ne w’agya ni, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.


Deɛ ɔdome n’agya anaa ne na no, kum na wɔnku no.


Na nhyɛ ɔhɔhoɔ so, na mo ara monim ɔhɔhoɔ kra, ɛfiri sɛ mo nso moayɛ ahɔhoɔ Misraim asase so pɛn.


Deɛ ɔdome n’agya ne ne na no, ne kanea bɛdum esum kabii mu.


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔdome wɔn agya, na wɔnhyira wɔn na.


Ani a ɛyi n’agya ahi, na ɛbu ɛna tie animtia no, asubɔnten ho anene bɛtutu, na akɔreɛ mma bɛdi.


Monsua papayɛ, monhwehwɛ atɛntenenee, montenetene omimfoɔ, monni mma awisiaa, na mompere nnye okunafoɔ.


Wo mansohwɛfoɔ ayɛ atuatefoɔ ne awifoɔ nnamfo. Wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ na wɔdi akyɛdeɛ akyi. Wɔnni mma nwisiaa, na akunafoɔ asɛm nnuru wɔn anim.


sɛ moanhyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ so, anaasɛ moanhwie mogya a ɛdi bem angu ha yi, na moanni anyame foforɔ akyi amfa anyɛ mo ho bɔne a,


na ɔhom mmɔborɔni ne ohiani so, ɔyɛ ɔpempensideɛ nso ɔnnane mma, na ɔma n’ani so hwɛ ohoni huhuo yɛ akyiwadeɛ,


N’adiyifoɔ atirisopam wɔ so, wɔte sɛ gyata a ɔbobom tete ne hanam, wɔdi onipa nam, wɔfa ahonyadeɛ ne aboɔdenneɛ, wɔma emu akunafoɔ dɔɔso.


Asase no so nkurɔfoɔ di amim na wɔsi apempem, na wɔhom mmɔborɔni ne ohiani so, na wɔsi ɔhɔhoɔ apempem a ɛntene koraa.


Sɛ obiara dome n’agya anaa ne na a, kum na wɔnku no; wadome n’agya ne ne na, ne mogya gu n’atifi.


Na monnhyɛ okunafoɔ ne awisiaa, ɔhɔhoɔ ne ɔmanehunufoɔ so, na obiara nnnwene ne nua ho bɔne n’akomam.


Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na Mose kaa sɛ: Di w’agya ne wo na ni; ɛne: Deɛ ɔka agya anaa ɛna ho asɛmmɔne no, owuo na ma no nwuo!


Nkyea ɔhɔhoɔ anaa awisiaa atɛn, na nnye okunafoɔ atadeɛ awowa.


Nnome nka deɛ ɔyeyɛ n’agya ne ne na! Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!


Nnome nka deɛ ɔkyea ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ atemmuo. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!


Di w’agya ne wo na ni, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ woɔ no, na wo nna aware na asi wo yie, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios