Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 22:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Wo mu na wɔgyegye adanmudeɛ, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo. Wogyegye mfɛmtomu ne nsiho, na wode apempensie fa wo yɔnko so, na me deɛ, wo werɛ afiri me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Wo mu na wɔgyegye adanmudeɛ, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo. Wogyegye mfɛmtomu ne nsiho, na wode apempensie fa wo yɔnko so, na me deɛ, wo werɛ afiri me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Wo mu na nnipa gye adanmude ka mogya gu; wogye nsiho ne mfaso a ɛboro so fi wɔn mfɛfo nkyɛn de nya wɔn ho bebree. Na mo werɛ afi me, Otumfo Awurade na ose.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wo mu na nnipa gye adanmudeɛ ka mogya guo; wɔgye nsihoɔ ne mfasoɔ a ɛboro so firi wɔn mfɛfoɔ nkyɛn de nya wɔn ho bebree. Na mo werɛ afiri me, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Wo mu na wogyigye anadwode, sɛ wobehwie mogya agu; wugyigye mfɛntom ne nsiho, na wode apempensi fa wo yɔnko so, na me de, wo werɛ afi me, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 22:12
40 Referencias Cruzadas  

Na ɔman no ne wɔn yerenom nteamu kɛseɛ sɔre tiaa wɔn nuanom Yudafoɔ no,


Na me ne me ho tuu agyina, na me ne mmapɔmma ne mpanimfoɔ no hamee, na mesee wɔn sɛ: Mfɛntom na mogyegye mo nuanom hɔ! Na mebɔɔ wɔn so dwa kɛseɛ,


Wɔn werɛ firii Onyankopɔn a ɔgyee wɔn na ɔyɛɛ nnoɔma akɛseɛ Misraim,


Ɔmfa ne sika mma nnye nsiho, na ɔnnye deɛ ɔdi bem ho adanmudeɛ. Deɛ ɔyɛ yeinom no ɔrehinhim ara da.


Saa na amim mu mfasopɛfoɔ nyinaa akwan teɛ, ɛfa ne wuranom kra kɔ.


Wo mansohwɛfoɔ ayɛ atuatefoɔ ne awifoɔ nnamfo. Wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ na wɔdi akyɛdeɛ akyi. Wɔnni mma nwisiaa, na akunafoɔ asɛm nnuru wɔn anim.


Ɛfiri sɛ wo werɛ afiri wo nkwagyeɛ Nyankopɔn, na w’ahoɔden Botan no, wonkae no; enti wodua nnua fɛfɛ na wotɛ ananafoɔ tɛ nnua;


Na akraman no yɛ adufudepɛfoɔ sɛ, wɔnnim ɔmeeɛ. Nnwanhwɛfoɔ no nso nni nhunumu, wɔn nyinaa adanedane wɔn ani akyerɛkyerɛ wɔn akwan so, obiara hwehwɛ ne mfasoɔ, obiara biara.


Ababaa werɛ bɛfiri n’ahyehyɛdeɛ, anaa ayeforɔ werɛ bɛfiri n’atadeɛ? Nanso me man deɛ, wɔn werɛ afiri me nna a wɔntumi nkan.


Wɔte nne bi nkokoɔ pataa so, Israel mma su ne nkotosrɛ, sɛ wɔakonton wɔn kwan, wɔn werɛ afiri AWURADE wɔn Nyankopɔn no.


Na ɛfiri wɔn mu akumaa so kɔsi wɔn mu ɔkɛseɛ soɔ, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ, na ɛfiri odiyifoɔ so kɔsi ɔsɔfoɔ soɔ, wɔn nyinaa yɛ nkontompofoɔ.


O sɛ me tiri yɛɛ nsuo na m’ani yɛɛ nisuo abura a, anka mɛsu me man babaa wuo no awia ne anadwo.


na ɔbɔ bosea na ɔgye nsiho a, ɔbɛnya nkwa anaa? Aane, ɔrennya nkwa! Wayɛ akyiwadeɛ yi nyinaa, wuo na ɔbɛwuo, ne mogya bɛbua n’atifi.


na ɔmmɔ bosea na ɔnnye nsiho, na ɔtwe ne nsa firi abusudeɛ ho, na ɔbu onipa ne onipa ntam atɛntenenee,


Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ wo werɛ afiri me, na woato me atwene w’akyire nti, wo nso soa w’aniwudeɛ ne w’adwamammɔdeɛ no.


Na mɛma nnipa anante mo so, me man Israel so, na wɔafa wo ayɛ wɔn deɛ, na woayɛ wɔn agyapadeɛ, na worenkɔ so mma wɔnni mmasugya bio.


Nni wo yɔnko amim na ntwa no dwo. Mma wo paani akatua nnka wo nkyɛn mma adeɛ nnkye.


Mfa wo sika mma no nnye ɛho mfɛntomu, na nhuri w’aduane a woma no no:


Montie yei, mo a moregye ahiafoɔ amene sɛ moresɛe asase so amanehunufoɔ,


Na yɛama dwetɛ de atɔ mmɔborɔni, na yɛde mpaboa atɔ ohiani, na yɛatɔn ayuo ase deɛ ɛguguo no.


Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moto ɔsoro ahennie mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ mohohoro kuruwa ne ayowa akyire, na emu deɛ adwotwa ne adufudepɛ ahyɛ ma.


Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpaeɛ ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛdeɛ nnipa a aka no teɛ: Amimfoɔ, nkontompofoɔ, ayerefafoɔ anaa ɔtogyeni yi mpo.


Na Sakeo gyina ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Ao, Awurade, mede m’ahodeɛ fa mekyɛ ahiafoɔ, na sɛ menam nkontompo so magye obi biribi a, mebɔ ho mprɛnnan metua ka.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnnye nnkyɛne deɛ wɔatwa ato hɔ no.


Na afei matwerɛ mo sɛ, sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ odwamamfoɔ anaa oniberefoɔ anaa ɔbosonsonni anaa tɔkwapɛfoɔ anaa sabofoɔ anaa omimfoɔ a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo.


awifoɔ, aniberefoɔ, asabofoɔ, ntɔkwapɛfoɔ ne amimfoɔ rennya Nyankopɔn ahennie no.


Nnane atemmuo ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adanmudeɛ; na adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani, na ɛdane teneneefoɔ nsɛm ani butu.


Nnye wo nua mfɛntomu wɔ sika, aduane mfɛntomu, anaa wɔ biribiara ho.


Nnome nka deɛ ɔgye apaadeɛ sɛ ɔbɛkum onipa a ɔdi bem. Na ɔman no nyinaa nka sɛ: Amen!


Ɔbotan a ɔwoo woɔ no, woannwene ne ho, na wo werɛ afiri Onyankopɔn a ɔkyem woo woɔ no.


ɔnyɛ ɔsadweam, ɔnyɛ pupopupo, na mmom ɔdwo, ɔnyɛ ntɔkwapɛ, ɔnyɛ sikanibereɛ;


Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔafa Kain kwan so, na mfasoɔ nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm mu, na wɔayera sɛ Kora wɔ atuateɛ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios