Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 21:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na wo, onipa ba, fa akoma a abubuo si apini, na gu ahome yaya wɔ wɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na wo, onipa ba, fa akoma a abubuo si apini, na gu ahome yaya wɔ wɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 “Enti si apini, onipa ba! Fa koma a abubu ne awerɛhow a ano yɛ den si apini wɔ wɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 “Enti si apinie, onipa ba! Fa akoma a abubuo ne awerɛhoɔ a ano yɛ den si apinie wɔ wɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na wo, onipa ba, fa awerɛhow si apini, na gu wɔn ani so ahome yawyaw.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 21:6
21 Referencias Cruzadas  

Enti me kra si apini wɔ Moab ho, me yam nso hyehye me Kir-Heres ho.


Enti m’asene mu ka me dwɛɛdwɛɛ, ɛkyem aka me sɛ ɔwofoɔ kyem; yea a ɛyɛ me nti, mente asɛm, me ho a ɛyera me nti, menhunu adeɛ,


Enti na mese: Monyi mo ani mfiri me so na mensu su yaya. Monnhyɛ me sɛ mobɛkyekyere me werɛ, me man babaa no sɛeɛ ho.


Na bɔ kuruwa no mmarima a wɔne wo bɛkorɔ no anim,


Mommisa ɛ, na monhwɛ, sɛ ɔbarima bɛko awoɔ anaa? Adɛn nti na mehunu mmarima nyinaa nsa sɛ ɛsisi wɔn asene, sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ deɛ, na obiara anim ayɛ fitaa yi?


Me yam hyehye me, me yam hyehye me! Merebrɛ yea mu! O m’akoma afasuo mu! M’akoma pere me, mentumi memmua m’ano. Ɛfiri sɛ mete totorobɛntohyɛn, ɔko mu sebɔ.


Onipa ba, su na twa adwo, sɛ ɛno bɛba me man so, ɛno bɛba Israel aberempɔn nyinaa so; wɔde wɔn ne me man ato hɔ ama nkrantɛ, enti hwe wo srɛ mu.


na honam nyinaa ahunu sɛ me, AWURADE, matwe me nkrantɛ afiri ne bɔha mu, na ɛrensane nkɔ mu bio.


Na sɛ wɔbisa wo sɛ: Ɛdeɛn ho na woresi apini a? Ka sɛ: Akwansosɛm ntira, ɛfiri sɛ ɛreba, na akoma nyinaa bɛnane, na nsa nyinaa mu agogo, na honhom nyinaa ano akum, na anankoroma nyinaa adanedane nsuo. Hwɛ, ɛreba na abɛyɛ hɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Onipa ba, twa Misraim asafo yuu so adwo, na ma wɔne amanaman atumfoɔ mmammaa nsiane nkɔ famfam asase so nka wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no ho.


Na nnua a woatwerɛtwerɛ soɔ no ntena wo nsam, wɔn anim.


Na di no atokoɔ ɔfam a wode sɛbeɛ a ɛfiri onipa mu atoto, wɔn anim.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Bɔ wo nsam, na fa wo nan pempem fam, na ka sɛ: Ao, Israel fie akyiwadeɛ bɔne nyinaa nti wɔnnue, sɛ wɔbɛtotɔ nkrantɛ ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano.


na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sene fa kuro no mu, Yerusalem mu na hyɛ nnipa a wɔsisi apini di akyiwadeɛ a wɔyɛ wɔ mu no ho abooboo no nyinaa moma so agyiraeɛ.


Ɛnna ɔhene anim daneeɛ, na n’adwene haa no, na n’asene mu nhoma hodwoe, na ne nkotodwe ka boboom biribiri.


Na me, Daniel, meyɛɛ siamoo, na meyaree nna bi, ansa na meresɔre mayɛ ɔhene adwuma, na adehunu no yɛɛ me ahodwiri, na obiara ante aseɛ.


Hwɛ, Ninewe sɛdeɛ woada mpan, woayɛ hunu na woadane amamfo, na w’akoma ahodwo na wo nankoroma hinhim, w’asene mu nyinaa yɛ wo ya, ne sɛdeɛ w’anim asiam fitaa.


Metee na me yafunum popoe, m’ano saa biribiri, ɛnne no ho; ɔporɔ hyɛnee me nnompe mu, na m’ase popoe, nanso meretena ase komm atwɛn ahohiahia da no na mahwɛ deɛ ɔbɛyɛ ɔman a wɔbɛtoaa yɛn no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios