Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 21:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Onipa ba, su na twa adwo, sɛ ɛno bɛba me man so, ɛno bɛba Israel aberempɔn nyinaa so; wɔde wɔn ne me man ato hɔ ama nkrantɛ, enti hwe wo srɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Onipa ba, su na twa adwo, sɛ ɛno bɛba me man so, ɛno bɛba Israel aberempɔn nyinaa so; wɔde wɔn ne me man ato hɔ ama nkrantɛ, enti hwe wo srɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Su na twa adwo, onipa ba, efisɛ etia me nkurɔfo; etia Israel mmapɔmma nyinaa. Wɔagyaa wɔn ama afoa no aka me nkurɔfo ho. Enti fa wo nsa gu wo ti so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Su na twa adwo, onipa ba, ɛfiri sɛ ɛtia me nkurɔfoɔ; ɛtia Israel mmapɔmma nyinaa. Wɔagyaa wɔn ama akofena no aka me nkurɔfoɔ ho. Enti fa wo nsa gu wo tiri so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Onipa ba, su na twa adwo, sɛ ɛno bɛba me nkurɔfo so, ɛno bɛba Israel abirempɔn nyinaa so; wɔde wɔn ne me man ato hɔ ama nkrante, enti bɔ w’asrɛ ho ame.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 21:12
17 Referencias Cruzadas  

Enti nsa nyinaa mu bɛgo, na ɔdasani biara akoma bɛnane;


Mommɔ abubuo, nnwanhwɛfoɔ, na monsu, na mommunimuni wɔ nso mu, mo nnwankuo mu akunini, na mo kum ne mo hweteɛ nna adu; na mobɛwuwu sɛ nnwanini a wɔn ho yɛ akɔnnɔ;


Na wɔbɛba abɛto ahurisie dwom, Sion sorɔnsorɔnbea hɔ, na wɔn ani aka AWURADE nnepa ho, aduane ne nsa ne ngo ne nnwammaa ne anantwie ho, na wɔn asetena ayɛ sɛ turo a anya nsuo pii, na wɔrenkɔ so ntɔ piti bio.


Na me nsaneakyire akyi mesakyerae, na manya mahunu me ho yi, mebɔ me srɛ so; m’ani awu, na masopa mpo, ɛfiri sɛ mɛsɔ me mmeranteberɛ mu ahohora.


Na ɔde maa sɛ wɔmpɔ ho sɛ wɔde nsa rekura, wɔase nkrantɛ no na wɔapɔ ho nso, sɛ wɔde rehyɛ okumfoɔ nsa.


Na wɔasɔ ahwɛ; na sɛ poma a ɛbu animtia no mpo nyɛ hwee a, ɛdeɛn na ɛbɛyɛ? AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm na bɔ nsam, na nkrantɛ no bɛba mprenu ne mprɛnsa, atɔfoɔ nkrantɛ no; ɛyɛ ɔtɔfoɔ kɛseɛ nkrantɛ na atwa wɔn ho ahyia no.


Na wo, ɔbɔnefoɔ a woatɔ, Israel berempɔn a ne da aduro, awieeɛ amumuyɛ berɛ mu no,


Na wo, onipa ba, fa akoma a abubuo si apini, na gu ahome yaya wɔ wɔn anim.


Hwɛ Israel aberempɔn a wɔwɔ mo mu no, wɔn mu biara pɛ sɛ ɔhwie mogya gu sɛdeɛ ne tumi teɛ.


Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Montwa agyaadwoɔ! Ao, ɛda no!


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Bɔ wo nsam, na fa wo nan pempem fam, na ka sɛ: Ao, Israel fie akyiwadeɛ bɔne nyinaa nti wɔnnue, sɛ wɔbɛtotɔ nkrantɛ ne ɛkɔm ne owuyadeɛ ano.


Nsa nyinaa mu bɛgogo, na nkotodwe nyinaa ahono sɛ nsuo;


Na wɔkunkumm no, ɛkaa me nko ara. Na mede m’anim butuu fam, na meteaa mu sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, woresɛe Israel nkaeɛ nyinaa wɔ w’abufuhyeɛ a worehwie agu Yerusalem soɔ no mu anaa?


Asɔfoɔ, momfira ayitoma na mommɔ bena, afɔrebukyia asomfoɔ, montwa adwo, me Nyankopɔn asomfoɔ, mommra mmɛda ayitoma mu anadwo nyinaa! na aduane ayɛyɛdeɛ ne ahwiesa agyae mo Nyankopɔn fie ba.


Monhyɛne totorobɛnto wɔ Sion, na mommɔ ose me bepɔ kronkron no so. Ma asase sofoɔ nyinaa ho mpopo, ɛfiri sɛ AWURADE da no redu, na abɛn,


Yei nti mɛsu na matwa adwo, mɛnante kwaterekwa ne adagya mu, mɛtue su mu sɛ ɛserɛ so kraman, na madi abooboo sɛ sohori.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios