Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 20:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na wɔtee me so atua, na wɔampene sɛ wɔtie me; wɔn mu obiara biara anto n’ani so akyiwadeɛ no antwene, na wannya Misraim abosonhuhuo no. Ɛnna mese: Mɛhwie m’anibereɛ agu wɔn so, de awie m’abufuo no wɔ wɔn so, Misraim asase so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na wɔtee me so atua, na wɔampene sɛ wɔtie me; wɔn mu obiara biara anto n’ani so akyiwadeɛ no antwene, na wannya Misraim abosonhuhuo no. Ɛnna mese: Mɛhwie m’anibereɛ agu wɔn so, de awie m’abufuo no wɔ wɔn so, Misraim asase so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “ ‘Nanso wɔyɛɛ dɔm tiaa me na wɔantie me; Wɔantotow nsɛsode tantan no a wɔde wɔn ani asi so no angu na wɔannyae ahoni a efi Misraim no akyidi. Enti mekaa se mehwie mʼabufuwhyew agu wɔn so de awie mʼabufuw wɔ wɔn so wɔ Misraim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “ ‘Nanso wɔyɛɛ dɔm tiaa me na wɔantie me; Wɔantoto nsɛsodeɛ tantan no a wɔde wɔn ani asi soɔ no angu, na wɔannyae ahoni a ɛfiri Misraim no akyiri die. Enti mekaa sɛ mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so de awie mʼabufuo wɔ wɔn so wɔ Misraim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na wɔtew me so atua, na wɔampene sɛ wotie me; wɔn mu obi bi antow wɔn aniwa mu akyide ankyene, na wɔannyaw Misraim abosonhuhuw. Ɛnna mise: Mehwie m’anibere magu wɔn so mede mawie m’abufuw no wɔ wɔn so, Misraim asase so;

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 20:8
24 Referencias Cruzadas  

Ɛnna wɔyɛɛ asobrakyeɛ na wɔtee w’anim atua, na wɔtoo wo mmara twenee wɔn akyire, na wɔkunkumm w’adiyifoɔ a wɔdii wɔn adanseɛ sɛ wɔde resane wɔn aba wo nkyɛn no, na wɔyɛɛ abusudeɛ akɛseɛ.


Na ɔse anka ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a ɔyii no no kɔgyinaa n’anim sii abuo no ano, sɛ ɔbɛyi n’abufuo, na wansɛe wɔn.


ma w’ani mmere wɔn so, na w’awerɛhoɔ ne w’abufuo nka wɔn.


Nanso wɔkɔɔ so ara yɛɛ no bɔne, tee ɔsorosoroni no anim atua anwea pradada so.


Na wɔanyɛ sɛ wɔn agyanom, mma asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ, mma a wɔmfa wɔn akoma nsi tee, na wɔn honhom nni Nyankopɔn nokorɛ.


Na megyaa wɔn wɔn akoma denyɛ mu, maa wɔnantee wɔn ara tirim agyina a wɔtuiɛ mu.


Na ɔman no hunuu sɛ Mose akyɛreɛ na ɔnsiane mfiri bepɔ no so mma no, ɔman no boaa wɔn ano baa Aaron nkyɛn bɛsee no sɛ: Sɔre yɛ anyame ma yɛn, na wɔnni yɛn anim, ɛfiri sɛ Mose yi, ɔbarima a ɔkɔyii yɛn firii Misraim baeɛ no deɛ, yɛnnim deɛ ayɛ no.


Na wɔn deɛ, wɔtee atua na wɔhyɛɛ ne Honhom kronkron no yea, enti ɔdanee wɔn ɔtamfoɔ, na ɔno ara ne wɔn dii ako.


Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔn nyinaa dii wɔn akoma bɔne denyɛ so; enti mede apam yi a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnni soɔ na wɔanni soɔ no nsɛm nyinaa aba wɔn so.


Na wɔba bɛdii soɔ no, wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; deɛ wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa, wɔanyɛ, enti na woama bɔne yi nyinaa abɛto wɔn yi.


Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔfaa wɔn ara wɔn akwan so, dii wɔn akoma bɔne denyɛ akyi, na wɔsanee wɔn akyi, na wɔankɔ anim.


Na Israel fie tee m’anim atua ɛserɛ so; wɔanni m’ahyɛdeɛ so na wɔpoo m’atemmudeɛ a sɛ onipa yɛ a, ɔbɛnya mu nkwa no, na me home nna nso, wɔguu ho fi bebree. Ɛnna mese: Merehwie m’anibereɛ agu wɔn so, ɛserɛ so, na madwerɛ wɔn.


ɛsiane sɛ, wɔpoo m’atemmudeɛ na wɔannante m’ahyɛdeɛ mu, na wɔguu me home nna ho fi nti; na na wɔn abosonhuhuo no akyi na wɔn akoma die.


Na mma no nso tee me so atua, wɔannante m’ahyɛdeɛ no mu, na wɔanni m’atemmudeɛ so anyɛ deɛ onipa yɛ a, ɔbɛnya mu nkwa no; me home nna nso, wɔguu ho fi. Ɛnna mese: Merehwie m’anibereɛ agu wɔn so, na mawie m’abufuo wɔn mu ɛserɛ no so.


na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo nyinaa montoto mo ani so akyiwadeɛ no ngu, na mommfa Misraim abosonhuhuo nngu mo ho fi; mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Sɛ dwetɛ nane fononoo mu no, saa ara na mobɛnane mu, na moahunu sɛ mene AWURADE a mahwie m’abufuhyeɛ agu mo soɔ no.


na wɔbobɔɔ adwaman Misraim, wɔn mmabaaberɛ mu na wɔbobɔɔ adwaman no; ɛhɔ na wɔmiaa wɔn nufo, na ɛhɔ na wɔkekaa wɔn mmabaaberɛ mu mpokua.


Na m’abufuo bɛwie na mama m’anibereɛ adwo wɔn so, na me werɛ akyekye; na sɛ meyɛ m’anibereɛ no so adeɛ wɔn so a, wɔahunu sɛ me, AWURADE, makasa me ninkuntwe mu.


Afei ɛrenkyɛre na mahwie m’abufuhyeɛ agu wo so, na mawie m’abufuo wo mu, na mabu wo w’akwan ho atɛn, na mɛtea wo wɔ w’akyiwadeɛ nyinaa ho.


Mehunuu Israel sɛ ɛserɛ so bobe aba, mehunuu mo agyanom sɛ borɔdɔmakan, ne bereɛ a ɛdi kan mu; nanso wɔkɔɔ Baal-peor nkyɛn, na wɔdwiraa wɔn ho de maa aniwudeɛ, na wɔn ho yɛɛ nwunu sɛ nnoɔma a na wɔpɛ no ara.


Misraim asase a motenaa soɔ no so nneyɛɛ deɛ, monnyɛ. Na Kanaan asase a mede mo rekɔ soɔ no so nneyɛɛ nso, monnyɛ, na monnni wɔn ahyɛdeɛ so.


AWURADE anim atuatefoɔ ne mo firi da a mehunuu mo.


Kae na mma wo werɛ mmfi, sɛdeɛ wohyɛɛ AWURADE wo Nyankopɔn abufuo ɛserɛ soɔ no; ɛfiri da a wofirii Misraim asase soɔ de bɛsii sɛ mobaa ha yi, mote ne so atua.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios